Yɛn Nhoma Kyekyɛ Nhyehyɛe a Wɔama Ayɛ Mmerɛw
1 Nhoma kyekyɛ nhyehyɛe a wɔama ayɛ mmerɛw a yɛmma wontua bo pɔtee bi no adi afe biako seesei. So saa nhyehyɛe yi asow aba? Asɛnka akontaabu da no adi sɛ nhoma a yɛde mema no anya nkɔanim. Yɛrema nnipa ɔpepem pii anya hokwan ankasa ‘agye nkwa nsu no kwa.’—Adi. 22:17.
2 Nanso, wɔnhyɛ yɛn, na saa ara na ɛnyɛ yɛn pɛ ne sɛ yɛde nhoma bɛma obiara kɛkɛ a obegye. Sɛnea yɛde yɛn ankasa honam fam nneɛma di dwuma nyansam no, saa ara na ɛyɛ ɔdawurubɔfo biara asɛyɛde sɛ ɔde nhoma a ɔnam asafo a ɔwom so nya fi Asafo ti no hɔ a wontwa bo biara nto so no bedi dwuma nyansam. Nhoma a Asafo ti no de ma adawurubɔfo a ɛbo biara nna so no nkyerɛ ankasa sɛ wɔmmɔ ka wɔ ne tintim ne ne kyekyɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛ anisɔ kɛse wɔ bo a yɛn nhoma no som wɔ komapafo a yɛde boa wɔn ma wonya Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ mu no titiriw.—Yoh. 17:3.
3 Ɔkwan bɛn so na Asafo ti no tumi de ne nhoma ma nnipa nyinaa a ontwa bo biara nto so? Ntoboa a yeyi no na wɔde tua ɛka a wontumi nkwati a wɔbɔ wɔ ne tintim ne ne kyekyɛ ho no. Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so titiriw na wɔde saa mmoa yi ma. Yehowa Adansefo mfa wɔn ani nto ɔmanfo so sɛ wɔn na wɔmmoa Ahenni dawurubɔ adwuma a egye ntɛmpɛ yiye yi. Yennyigyee sika mfii ɔmanfo hɔ da, na yɛnyɛ saa nso nnɛ. Nanso, ntoboa a anigyefo komapafo ne nnipa a wɔwɔ anisɔ a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu fi wɔn pɛ mu yi no yɛ nea yɛkyerɛ ho anisɔ.
4 Sɛnea Ntoboayi Nhyehyɛe no Akɔ So: Asafo ahorow pii yi ntoboa daa (ɔsram biara) de boa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no. Ɛmfa ho mpo sɛ ka a wɔbɔ wɔ nhomatintim ho akɔ soro nnɛ no, anuanom da so ara yi ntoboa ma wɔde tua wiase nyinaa asɛnka adwuma no ho ka, na ɛnyɛ nhoma a wogye no nko. Eyi fata nkamfo.
5 Kokoam adesua, abusua adesua, ne asafo adesua ahorow nya nkɔso denam nhoma pii a ɛwɔ hɔ so. Yɛn ani sɔ honhom fam mpɔntu a afi eyi mu aba no kɛse. Nanso, nhoma a ankorankoro hyɛ da kra, te sɛ Insight ne bound volume ahorow, no bo yɛ den. Enti ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye ansa na yɛakra eyinom. Sɛ́ anka abusua muni biara bɛkra bi no, ɛbɛfata mmom sɛ wonya abusua nhomakorabea. Anuanom bi a wɔwɔ nhoma ne bound volume dedaw no de eyinom ama ma wɔde ahyehyɛ Ahenni Asa so nhomakorabea a wɔahyehyɛ no yiye na ama obiara anya nhoma a Asafo ti no agyae tintim no bi akenkan.
6 Dwuma a Yɛn Ntoboa Ahorow no Di: Ɛfata sɛ yɛde nkyerɛkyerɛmu kakra a emu da hɔ ma fa sɛnea wɔde ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi yɛ yɛn wiase nyinaa Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho. Yɛde sika a yɛn nsa ka no nyinaa tuatua ka akɛse a yɛbɔ de yɛ Ahenni asɛnka adwuma a yɛreyɛ nnɛ no. Sɛ ɛka a wɔbɔ wɔ nhoma a yetintim kyekyɛ wɔ wiase nyinaa ho da nkyɛn a, Asafo ti no tua baa dwumadibea ne Betel afie, asomfo ne asɛmpatrɛw sukuu ahorow, asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, ne nnwuma foforo pii a ɛho hia na yɛawie adwuma a Yesu de hyɛɛ n’asuafo nsa no ho ka.—Mat. 24:14; 28:19, 20.
7 Nkɔanim kɛse a Yehowa nkurɔfo anya no ama nnipa pii abisa nea wobetumi ayɛ de aboa. Nnipa dodow no ara ntumi ntu wɔn ho mma ankasa nkosisi baa dwumadibea ahorow ne Ahenni Asa foforo anaasɛ wɔnkɔ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri mu nkɔboa asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkɔso a aba yi mu kyɛfa bi sɛnea wobetumi no, adawurubɔfo pii ne wɔn mmusua de ayɛ wɔn su sɛ wobeyi sika bi ato hɔ de aboa wiase nyinaa adwuma no daa. (Fa toto 1 Korintofo 16:1, 2 ho.) Wɔnam saa kwan yi so boa Asafo ti no dwumadi ahorow nyinaa, a nhoma kyekyɛ ka ho. Ɛnsɛ sɛ obiara bu ntoboa a ofi ne pɛ mu yi de boa wiase nyinaa adwuma no sɛ sika a ɔreyi de atua nhoma ho ka kɛkɛ.
8 Sɛ yɛrekɔ afiewuranom anaa afoforo hɔ akodi wɔn adanse a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛne wɔn bɛbɔ Bible mu asɛmti bi ho nkɔmmɔ. Wɔde nnianim nsɛm a ɛyɛ anigye ne Bible mu nkɔmmɔbɔ nsɛmti a ɛfata pii ama wɔ Reasoning From the Scriptures anaa Yɛn Ahenni Som ahorow mu. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no gyina nea onipa no bɛyɛ wɔ Ahenni asɛm no ho so si gyinae sɛ ɔbɛma no nhoma anaasɛ ɔmma no. Sɛ ɛte sɛ nea n’ani nhyɛ da nnye ho a ɛbɛma woama no nhoma anaa biribi foforo a, wubetumi atwa nkɔmmɔbɔ no so anifere kwan so na woakɔ onipa foforo nkyɛn. Anaasɛ wubetumi agyaw kratawa bi ama onipa no, sɛ ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛkenkan a.
9 Hu Wɔn a Wɔn Ani Gye Ho Ankasa: Sɛ obi nam abɔnten na ɔpɛ ntɛm a, wubetumi ama no kratawa bi kɛkɛ na woaka sɛ, “Mewɔ asɛmpa bi ma wo, na sɛ wunya bere a kenkan.” Sɛ ɛte sɛ nea onipa no mpɛ ntɛm a, fa nsɛmma nhoma ma no, na ka ntoboayi nhyehyɛe no ho asɛm. Eye sɛ wode nhoma bɛma nkurɔfo bere biara a ɛbɛyɛ yiye no. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu wɔn a wɔn anigye no di mu ankasa. Susuw akwan a edidi so yi ho:
◼ Ɔdawurubɔfo bi ne ofiewura bi bɔ nsɛmma nhoma a aba foforo mu nkɔmmɔ. Bere a ɔdawurubɔfo no twe adwene si nsɛmma nhoma no mu asɛm pɔtee bi so no, ofiewura no ka sɛ: “Ɛno yɛ anigye.” Ɔdawurubɔfo no ka sɛ: “M’ani begye ho sɛ megyaw nsɛmma nhoma yi ama wo na ama woatumi akenkan saa asɛm yi ne foforo a ɛwom nyinaa.” Ofiewura no bisa sɛ: “Ne bo yɛ ahe?” Ɔdawurubɔfo no bua sɛ: “Sɛ wobɛkenkan a, ɛbo biara nna so. Wubetumi ahu wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 hɔ sɛ ɛyɛ wiase nyinaa Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no fã, na ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi na wɔde boa. [Twe adwene si asɛm a ɛwɔ Nyan! kratafa 4 anaa nea ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no kratafa 2 no nifa so ase hɔ no so.] Meyɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia a wɔde wɔn bere ne wɔn nneɛma boa ma wɔde yɛ adwuma titiriw yi wɔ nsase bɛboro ahanu so no mu biako pɛ. Sɛ wopɛ sɛ wufi wo pɛ mu yi ntoboa de boa adwuma yi a, wubetumi ayɛ saa.” Ofiewura no yi ntoboa na ɔdawurubɔfo no de sika no hyɛ nhoma kotoku a okura ma saa atirimpɔw no mu. Ɔkyerɛ ntoboa no ho anisɔ na ɔka sɛ ɔbɛsan aba de nsɛmma nhoma foforo a ɛbɛba no bi abrɛ no.
◼ Wɔ tebea foforo mu no, ɔdawurubɔfo no nnyaw nhoma biara efisɛ ɛwom sɛ ofiewura no pɛ sɛ ɔne no bɔ nkɔmmɔ, nanso n’ani nhyɛ da nnye Ahenni asɛm no ho.
◼ Wɔ tebea a ɛto so abiɛsa mu no, yebetumi agyaw kratawa ama obi a ɔkyerɛ anigye a edi mu nanso onni adagyew na ɛte sɛ nea ɛmfata sɛ wobɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so boa yɛn wiase nyinaa adwuma no mu akyerɛ no saa bere no. Ɔdawurubɔfo no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aba bere a ɛfata mu. Sɛ ɔsan kɔ a, ɔbɛbɔ mmɔden ahwɛ sɛ ofiewura no ani gye yɛn adwuma no ho ankasa, na sɛ saa a, wakyerɛkyerɛ sɛnea yɛn som adwuma no te ne ɔkwan a wɔfa so boa no mu akyerɛ no. Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ anigye no ho kyerɛwtohɔ na ama woatumi akɔyɛ sankɔhwɛ.
10 Nhoma kyekyɛ nhyehyɛe a wɔama ayɛ mmerɛw no boa ma obiara hu sɛ yɛn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no nyɛ aguadi ɔkwan biara so. Ɛboa yɛn nso ma yɛde yɛn ani si botae titiriw nti a yɛreka Ahenni ho asɛmpa no na yɛayɛ Yesu Kristo asuafo no so. Nea ɛne ahyehyɛde ahorow a “wogyigye sika fi nkurɔfo hɔ” bɔ abira koraa no, Yehowa Adansefo ani gye sɛ wobehu sɛ nnipa nyinaa nsa bɛka nhoma a ɛbo biara nna so. Ɛnyɛ wɔn a wɔnkyerɛ yɛn asɛm no ho nokware anigye no nkyɛn na yegyigye ntoboa de yɛ wiase nyinaa adwuma no. (Hwɛ December 1, 1990, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 22 ne 23.) Wɔde ntoboa a yeyi no nyinaa boa wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma yi, efisɛ adwumayɛfo no nyinaa yɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama, na wontua obiara ka wɔ ahyehyɛde no mu. Wɔn a wɔkyerɛ yɛn adwuma no ho anigye nkutoo na yɛne wɔn susuw ntoboa a yeyi de boa wiase nyinaa adwuma no ho.
11 Bere a yɛde nnamyɛ trɛw yɛn som adwuma no mu, de Asafo ti no nhoma ahorow a ɛsom bo di dwuma nyansam no, Yehowa bɛma yɛanya nkɔso daa. Nnipa komapafo a wɔwɔ mmaa nyinaa kyerɛ nkyerɛkyerɛmu pa a yɛde ma fa yɛn som adwuma no ho ho anisɔ, na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ mmoa denam ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi so.
[Kratafa 4 adaka]
NKAEBƆ
Adawurubɔfo:
◼ Fi nokwaredi mu fa ntoboa a wo nsa ka wɔ asɛnka mu nyinaa gu adaka a ɛfata mu wɔ Ahenni Asa so dapɛn biara.
◼ Gye wo nsɛmma nhoma nyinaa fi asafo no mu.
◼ Wɔ asɛnka mu no, sɛ worema obi akra nsɛmma nhoma bere a edi kan a, ma ɔnyɛ no asram 6.
◼ Hwɛ w’ankasa nhoma so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe. Sɛ nhwɛso no, wogyaw nnwom nhoma ne Bible pii wɔ Beae a Wɔde Nneɛma a Ɛyera a Wohu Kɔ ne Nneɛma Akorae Dwumadibea hɔ wɔ nhyiam biara akyi.
Asafo Ahorow:
◼ So mowɔ nhomakorabea a nhoma foforo a aba nyinaa wom wɔ Ahenni Asa so a ɛbɛma adawurubɔfo nyinaa nsa aka nhoma ahorow no nyinaa bi?
◼ Ɛsɛ sɛ mokra nsɛmma nhoma a muhia ka dodow a mugye dedaw no ho nkakrankakra na ɛyɛ nea ɛfata.
Asafo mu Mpanyimfo/Asomfo:
◼ Monhwɛ nhu sɛ mode nhoma a mokra no bɛma nhoma sohwɛfo no ntɛm ara ɔsram biara.
◼ Ɛsɛ sɛ nhoma sohwɛfo ne ɔkyerɛwfo no hwɛ nhoma pii dodo a wɔkra no hu sɛ ehia ansa na wɔde amena baa dwumadibea no.
◼ Ɛsɛ sɛ mode ntoboa a munya no mena ɔsram biara—ɛnsɛ sɛ moboaboa ano gu hɔ anaasɛ mode asram dodow bi de bom ansa na mode amena.