Asemmisa Afã
◼ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi ayamye mu yi ntoboa to Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu?
Afe biara, esiane nkɔso a ɛba ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa nti, wɔkɔ so trɛw baa dwumadibea adan mu, na wɔresisi afoforo. Ɛno akyi no. Betel adwumayɛfo bɛboro 11,000 ne bere nyinaa adwumayɛfo atitiriw mpempem pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn.
Mprempren, asafo ahorow 612 na ɛwɔ Ghana, na emu pii nni wɔn ankasa Ahenni Asa. Dodow a asafo ahorow no redɔ no, dodow no ara na Ahenni Asa pii ho hia. Sika fam ahokyere a asafo pii hyia nnɛ no ma ɛho hia sɛ yebom bɔ mmɔden yi sika de sisi Ahenni Asa ahorow. Eyi nti na Asafo ti no ayɛ AHENNI ASA FOTO ho nhyehyɛe fi September 1988 no. Ɛde besi saa bere yi, ntoboa a wɔayi ato Foto yi mu no betumi asi Ahenni Asa abiɛsa. Ɛda adi sɛ yehia eyinom ntɛm, ne titiriw bere a wohu sɛ wɔ mmeae bi no, asafo bɛyɛ anan anaa anum na wɔde Ahenni Asa biako di dwuma no. Bere a Yehowa ma adwuma no kɔ so ntɛm no, so yehu nea yebetumi ayɛ sɛ ankorankoro ne hokwan a yɛwɔ a yɛde bɛboa teokrase nkɔso denam yɛn ntoboa so no?—1 Tim. 6:18, 19; Yes. 60:22.
Obi betumi de ntoboa a efi ne pɛ mu a obetumi de ama anaa ne koma ka no sɛ ɔmfa mma no amana Asafo ti no tee, anaasɛ denam asafo a ɔwom no so. (2 Kor. 8:10-15; 9:6-14) Ntoboa ahorow di dwuma titiriw wɔ Ahenni som adwuma a yɛyɛ wɔ asafo no, ɔman no, ne amanaman mu no mu. Ebinom tumi yi ntoboa dapɛn biara, afoforo nso yi ɔsram biara, ne ade. Nea wusi gyinae sɛ wobɛyɛ biara no, nyɛ no “amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Kor. 9:7.