“Ko Gyidi Ko Pa No”
1 Ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ ‘ɔnko gyidi ko pa no.’ (1 Tim. 6:12) Paulo ankasa dii saa asɛm no so. Ɛrekɔ ne nkwa nna awiei no, ɔde ahotoso kae sɛ n’ankasa ako ɔko pa no. (2 Tim. 4:6-8) Ɔde akokoduru ne boasetɔ yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ akwan nyinaa mu. Sɛ yesuasua ne nhwɛso no a, yebetumi anya saa ahotoso no ara bi sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ yɛn Kristofo gyidi ho ko no mu.
2 Bɔ Mmɔden Biara a Wubetumi: Paulo yeree ne ho denneennen wɔ ɔsom adwuma no mu. (1 Kor. 15:10) Saa ara na yɛyɛ bere a yɛhwehwɛ wɔn a wɔsɛ nyinaa wɔ yɛn asasesin mu no. (Mat. 10:11) Sɛ yɛn nsa bɛka wɔn mu binom a, ebia ɛsɛ sɛ yɛsɔre ntɛm kodi wɔn a yehyia wɔn wɔ mmɔnten so no adanse. Anaasɛ ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ adwuma anwummere na ama yɛato nkurɔfo bere a wɔasan aba wɔn afie no.
3 Egye ahosodi ne nhyehyɛe pa na yɛne yɛn nhoma adesua kuw akohyia daa akɔ asɛnka. Sɛ nhwɛso no, Betel abusua no mufo bi twa kilomita 12 ne asafo a wɔwom no kɔ asɛnka dapɛn awiei. Afei nso, yebetumi akamfo yɛn asafo no mu adawurubɔfo ne mmusua bi a wotwa kwantenten nanso wodu hɔ bere ano no. Ɛfata sɛ yesuasua nsiyɛ ne nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛte saa no.
4 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden san kɔ anigyefo a yenya wɔn nyinaa nkyɛn. Sɛ yɛma nhoma wɔ abɔnten anaa bɔnnɔ so adansedi mu a, ehia sɛ yɛbɔ mmɔden gye onii no address anaa ne telefon nɔma. Afei yebetumi akɔ ne nkyɛn akodi anigye no ho dwuma na yɛabɔ mmɔden afi Bible adesua ase.
5 Kɔ Asɛnka Daa: Ná Paulo ka asɛm no fefeefe daa. (Rom. 15:19) Wo nso ɛ? So wokɔ asɛnka daa? Woakɔ asɛnka ɔsram yi? Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo ani gye ho sɛ wobehu sɛ wɔn kuw no muni biara kɔ asɛnka wɔ August mu. Wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.
6 Sɛ yesuasua Paulo nhwɛso no na yegyina asɛmpa no akyi kosi ase a, yɛbɛkɔ so ‘ako gyidi ko pa no.’