Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/02 kr. 3-4
  • ‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam’
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • ‘Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye’
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 3/02 kr. 3-4

‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam’

1 Wɔ mfe a etwa to wɔ ɔsomafo Paulo som adwuma a ɔde nnam yɛe no mu no, ɔne Timoteo ne Tito boom yɛɛ adwuma. Ɔkyerɛw nkuranhyɛsɛm koro no ara kɔmaa wɔn mu biara. Ɔka kyerɛɛ Tito sɛ ɛsɛ sɛ “wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no dwen nnwuma pa a wɔbɛkɔ so ayɛ ho.” (Tito 3:8, NW) Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn ayɛ wɔn anidaso no ‘nya wɔn ho wɔ nnwuma pa fam.’ (1 Tim. 6:17, 18, NW) Eyi yɛ afotu pa ma yɛn nyinaa! Nanso dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nnwuma pa wɔ yɛn asetra mu? Na nnwuma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ wɔ mmere a ɛda yɛn anim no mu?

2 Yehowa mu gyidi ne ɔdɔ a yɛwɔ ma no, ne anidaso soronko a ɔde ama yɛn no na ɛma yɛyɛ nnwuma pa pii. (1 Tim. 6:19; Tito 2:11) Afe no mu saa bere yi titiriw na wɔkae yɛn sɛ Yehowa somaa ne Ba no baa asase so sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu atumi ama wɔabu N’agya bem na abue nkwa kwan ama adesamma a wɔfata nyinaa no. (Mat. 20:28; Yoh. 3:16) Wɔbɛda eyi adi pefee wɔ Kristo wu Nkaedi no ase wɔ March 28. So ɛnkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ nea yebetumi biara ‘nnya yɛn ho wɔ nnwuma pa fam’ mfa nyɛ anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa no ho biribi? Nokwarem no, ɛkanyan yɛn saa! Ɛnde nnwuma bɛn na yebetumi ayɛ nnɛ?

3 Nnwuma Pa a Yɛbɛyɛ Wɔ March mu ne Akyi: Nokwarem no, yɛbɛkɔ Nkaedi no ase—afe no mu afahyɛ a ɛho hia sen biara ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no. (Luka 22:19) Nanso yɛpɛ sɛ yɛne nnipa pii nya saa bere no mu anigye no bi. Hwɛ 2002 Yearbook no mu asɛnka akontaabu no, na wubehu sɛ wɔ afe a etwaam no mu no, wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi no ase wɔ asase so aman pii mu no dɔɔso sen wɔn adawurubɔfo no dodow mprɛnsa, mpɛn anan, mpɛn anum, anaa nea ɛsen saa. Akyinnye biara nni ho sɛ egyee asafo ahorow no nyinaa mmɔdenbɔ kɛse ansa na wɔkyekyɛɛ Nkaedi no ho nkrataa a wɔde too nsa frɛɛ afoforo no pii wɔ wɔn asasesin mu. Enti, efi nnɛ kosi March 28 no, yɛpɛ sɛ yɛde bere pii to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔba Nkaedi no ase, na yɛboa wɔn ma wosua nkwagye anidaso no ho ade.

4 Ebedu April no, na ebia yɛanya wim tebea pa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de eyi adi dwuma pa de ‘anya yɛn ho wɔ nnwuma pa fam’? Ɛdenam anigye a yɛbɛkɔ so de ayɛ asɛmpaka adwuma no na ‘yɛabɔ nnwuma pa ho mmɔden’ no so. (Tito 2:14; Mat. 24:14) Sɛ woantumi anyɛ akwampaefo boafo wɔ March mu a, so wubetumi ayɛ saa wɔ April ne anaasɛ May mu? Sɛ woreyɛ akwampae adwuma wɔ March mu a, so wubetumi atoa so?

5 Ebinom a wɔyɛ honam fam adwuma no hu sɛ wobetumi de dɔnhwerew biako anaa nea ɛsen saa ayɛ asɛnka adwuma no bere a wɔnam kwan so rekɔ adwuma no, wɔyɛ borɔn so adansedi anaasɛ wɔkɔ nnipa a wɔyɛ nnwuma a wobue no ntɛm anɔpa no nkyɛn. Afoforo nso de wɔn awia adidi bere fã bi di adanse. Ebinom tumi ne wɔn yɔnko dwumayɛni yɛ Bible adesua wɔ saa bere no mu. Anuanom mmea pii a wɔyɛ awarefo a wɔhwɛ fie no atumi ayi bere asi hɔ de yɛ asɛnka adwuma bere a wɔn mma kɔ sukuu no. Esiane sɛ wɔsɔre ntɛm kakra yɛ wɔn fie nnwuma wɔ nna no bi mu nti, wonya bere pii wɔ da a wɔde yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu.—Efe. 5:15, 16.

6 Sɛ wuntumi nyɛ akwampaefo boafo mpo a, ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woanya asɛnka mu kyɛfa kɛse, na woayɛ nea wubetumi biara de ‘ayɛ afoforo yiye, anya wo ho wɔ nnwuma pa fam, akyɛ ade fɛw so, na woayɛ krado’ sɛ wobɛka nokware no akyerɛ afoforo.—1 Tim. 6:18.

7 Kae Asuafoyɛ Adwuma Pa No: Afe biara yenya anigyefo a wɔba Nkaedi no ase. So asafo no mufo bi betumi aboa wɔn a wɔba nanso wɔne wɔn nsua ade mprempren no? So yebetumi asan akɔsra wɔn a adwene no ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanya honhom mu nkɔso? Ebia na saafo a wɔba Nkaedi no ase no mu binom yɛ Adansefo abusuafo. Afoforo betumi ayɛ wɔn a wosuaa ade wɔ bere a atwam no mu a nea wohia ara ne nkuranhyɛ bi a ɛbɛma wɔasan afi ase asua ade na wɔaba asafo nhyiam daa. Hwɛ anigye a ɛbɛma yɛanya bere a yehu wɔn sɛ wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ nnam no!

8 Bere a yɛyɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March mu ne akyi no, ɛda adi yiye sɛ yebenya anigyefo pii a yɛbɛsan akɔsra wɔn. Bɔ mmɔden sɛ wubegyaw wɔn asɛmmisa bi. Afei hyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛba abebua wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Sɛ yɛyɛ eyi a, ebebue kwan ama sankɔhwɛ. Sɛ yetumi yɛ sankɔhwɛ no ntɛm a, ɛbɛyɛ papa. Sɛ yɛantumi amfi adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu, na sɛ ebetumi ayɛ yiye a, yɛbɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden fi ase wɔ nea edi hɔ no mu.

9 Sɛ yɛreyɛ borɔn so adansedi a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ne nkurɔfo afi nkɔmmɔbɔ ase. Anigyefo de wɔn din, wɔn address, ne wɔn telefon nɔma ama adawurubɔfo pii a wohyiaa wɔn bere a na wɔreyɛ mmorɔn so adansedi no. Sɛ onipa a wuhyiaa no no nte mo asasesin mu a, kogye “Please Follow Up” (S-43) kratasin no bi wɔ Ahenni Asa so hyehyɛ fa ma asafo no mu ɔkyerɛwfo no na ɔno nso de bɛma asafo a onipa no te wɔn asasesin mu no. Sɛ ɔkyerɛwfo no antumi anyɛ saa a, ɔde bɛmena baa dwumadibea no ma wɔadi ho dwuma. Wɔnam saa kwan yi so betumi ama n’anigye no ayɛ kɛse.

10 Sɛ wugyee ne telefon nɔma na ɛnyɛ n’address a, ɛnde frɛ onii no wɔ telefon so fa yɛ sankɔhwɛ. Di kan siesie nea wopɛ sɛ mususuw ho no. Ma wo Reasoning nhoma no mmɛn wo na wode adi dwuma ntɛm. Ebinom ne nkurɔfo resua ade wɔ telefon so ma ɛresow aba, a wɔn a wɔka ho ne wɔn a ɛyɛ den sɛ wobenya wɔn wɔ fie no. Onuawa bi fii ase bisabisaa mmea anigyefo a ohyiaa wɔn wɔ afie afie asɛnka mu no telefon nɔma, na eyi ma otumi fii Bible adesua abien ase.

11 Wo ne Mpanyimfo Nyɛ Biako na Mommoa Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw No: Mpanyimfo no ani gye ho yiye sɛ wɔde ɔdɔ bɛboa eyinom. Saafo no mu pii ankasa afi wɔn pɛ mu afi ase reba asafo nhyiam dedaw. Wohu hia a ehia sɛ wɔne Yehowa ahyehyɛde no bɔ kɛse na ama wɔanya honhom fam ahobammɔ a wɔka ho asɛm wɔ Dwom 91 no. Mprempren eyinom mu binom ayɛ krado sɛ wɔbɛsan akɔ asɛnka. Sɛ afoforo a wɔayɛ mmerɛw ba Nkaedi no ase wɔ ɔsram yi mu a, ebia wobegye atom sɛ wɔne wɔn nyɛ Bible adesua. Sɛ ɛba saa a, mpanyimfo bɛyɛ nhyehyɛe ama obi ne wɔn a wɔpɛ mmoa no asua ade. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ boa wɔ saa kwan yi so a, wɔn ani bɛsɔ pene a wobɛpene so no kɛse.—Rom. 15:1, 2.

12 Kɔ So ‘Yɛ Nnwuma Pa’: Nnipa pii a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaasɛ nea ɛsen saa no ahu sɛ wɔn asɛnka adwuma kɔɔ anim wɔ asram a edii hɔ no mu. Wohyiaa anigyefo a wɔtee nka sɛ ehia sɛ wɔsan kɔ wɔn nkyɛn. Eyi kanyan wɔn ma wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ asɛnka mpɛn pii na ama wɔasan akɔ anigyefo no nkyɛn bio. Ebinom fii adesua ase, na ɛno boaa wɔn ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no kɛse mpo.

13 Afoforo nso nyaa anigye kɛse wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a wɔyɛe no mu na ɛkanyan wɔn ma wɔhwehwɛɛ nneɛma a ehia wɔn titiriw no mu. Esiane eyi nti, ebinom tumi tew wɔn honam fam adwuma so na wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo aboafo. Afoforo atumi abɛyɛ daa akwampaefo. Wotumi de Onyankopɔn yɛɛ wɔn anidaso koraa na ɛnyɛ nneɛma a wiase de ma. Wohui sɛ ‘wɔn nsam a wobuei ne krado a wɔyɛe sɛ wɔbɛkyɛ ade’ no ma wonyaa Yehowa nhyira pii na ɛhyɛɛ wɔn anidaso a ɛne sɛ wobenya ‘nkwa ankasa’ no mu den. (1 Tim. 6:18, 19) Nokwarem no, sɛ nnipa pii yɛ akwampae adwuma no a, asafo mũ no nyinaa nya so mfaso. Akwampaefo taa ka wɔn suahu ahorow kyerɛ, na wɔto nsa frɛ afoforo ma wɔne wɔn kɔ asɛnka, na eyi ma honhom fam nneɛma ho anigye yɛ kɛse wɔ asafo no mu.

14 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ‘benya yɛn ho wɔ nnwuma pa fam’ wɔ Nkaedi bere yi mu ne akyi denam yɛn Kristofo som adwuma no mu a yɛbɛtrɛw no so. Momma yɛnkyerɛ nea Yehowa ayɛ de ama yɛanya anidaso sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ trenee wiase foforo mu no ho anisɔ.—2 Pet. 3:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena