‘Biribiara Nyɛ Den Wɔ Onyankopɔn Fam’
1 Kristofo asafo no dwumadi titiriw ne sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. (Mat. 24:14) Eyi yɛ adwuma kɛse ankasa. Nnipa pii susuw sɛ egye mmɔdenbɔ kɛse paa na yɛatumi ayɛ. Afoforo nso susuw sɛ adwuma a ɛte saa no yɛ nna fam koraa esiane sɛ wodi yɛn ho fɛw, sɔre tia yɛn na wɔtaa yɛn nti. (Mat. 24:9; 2 Tim. 3:12) Akyinnyegyefo ka no pen sɛ yɛrentumi nyɛ adwuma a ɛte saa. Nanso, Yesu kae sɛ: ‘Biribiara nyɛ den wɔ Onyankopɔn fam.’—Mat. 19:26.
2 Nhwɛso Pa a Yebetumi Asuasua: Yesu fii ne som adwuma no ase no, wiase nyinaa sɔre tiaa no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmma onni nkonim no, asɔretiafo no yɛɛ biribiara a wobetumi de guu n’anim ase, na awiei koraa no, wokum no yayaaya. Nanso, awiei koraa no, Yesu de ahotoso kae sɛ: “Madi wiase so nkonim.” (Yoh. 16:33) Yiw, nea otumi yɛe no yɛ nwonwa ampa!
3 Yesu asuafo no daa akokoduru ne nnamyɛ koro no ara bi adi wɔ Kristofo som adwuma no mu. Wɔhwee wɔn mu pii de bi koguu afiase, na wokum ebinom mpo. Nanso, ‘wɔn ani gyei, efisɛ wobuu wɔn sɛ ɛsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.’ (Aso. 5:41) Ɛmfa ho sɛ wohyiaa nsɛnnennen no, wotumi yɛɛ asɛmpaka adwuma a afoforo bu no sɛ ɛyɛ den no ‘kɔpem asase ano nohoa.’—Aso. 1:8; Kol. 1:23.
4 Sɛnea Yebetumi Adi Nkonim Nnɛ: Yɛn nso yɛde nnamyɛ reka Ahenni ho asɛm no wɔ nsɛnnennen nyinaa akyi. Wɔ anohyeto, ɔtaa, afiasenna, ne ayayade foforo a ɛbɛma yɛn abam abu nyinaa akyi no, yɛredi nkonim. Ɔkwan bɛn so na yɛatumi ayɛ eyi? “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa, NW] na ose.” (Sak. 4:6) Esiane sɛ Yehowa taa yɛn akyi nti, biribiara ntumi nsiw yɛn adwuma no kwan!—Rom. 8:31.
5 Sɛ yɛreka asɛm no a, enni sɛ yɛma yɛn koma tu anaasɛ yɛbɔ hu anaa yebu yɛn ho abomfiaa. (2 Kor. 2:16, 17) Yɛwɔ ntease pa a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ obiara. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi ayɛ adwuma a ‘ɛyɛ den yiye’ no!—Luka 18:27.