Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/10 kr. 1
  • ‘Wɔbɛka Asɛmpa Yi’!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔbɛka Asɛmpa Yi’!
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Gideon Dii Midianfo So Nkonim
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 5/10 kr. 1

‘Wɔbɛka Asɛmpa Yi’!

1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ biribiara rentumi nsiw asɛnka adwuma no kwan?

1 Biribiara rentumi nsiw Yehowa kwan wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ho. (Yes. 14:24) Ɛwom sɛ na ɛte sɛ nea Ɔtemmufo Gideon ne ne mmarima 300 no rentumi nni Midian asraafo 135,000 no so nkonim de, nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wubegye Israelfo afi Midianfo nsam. Ɛnyɛ me na meresoma wo?” (Atem. 6:14) Adwuma bɛn na Yehowa taa akyi nnɛ? Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:14) Obiara rentumi nsiw adwuma yi kwan!

2. Dɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛboa yɛn sɛ ankorankoro wɔ ɔsom adwuma no mu?

2 Yehowa Boa Yɛn sɛ Ankorankoro: Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa n’Adansefo ma wɔadi adanse sɛ kuw, nanso so yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛboa yɛn sɛ ankorankoro? Bere bi a na ɔsomafo Paulo hia mmoa no, Yehowa nam ne Ba Yesu so boaa no. (2 Tim. 4:17) Sɛ́ ankorankoro no, yɛn nso yebetumi anya ahotoso saa ara sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no so.—1 Yoh. 5:14.

3. Tebea horow bɛn mu na Yehowa boa yɛn?

3 So asetena mu dadwen ma w’ahoɔden so tew ma enti wuntumi nyɛ pii wɔ asɛnka mu? “Ɔma nea wabrɛ no tumi.” (Yes. 40:29-31) So worehyia ɔtaa anaa ɔsɔretia? “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dw. 55:22) So ɛtɔ mmere bi a, wunni wo ho mu ahotoso? “Kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho.” (Ex. 4:11, 12) So wowɔ ɔyare bi a ɛmma wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu? Nea w’ahoɔden betumi biara a wobɛyɛ no, Yehowa ani sɔ ɛmfa ho sɛ esua no.—1 Kor. 3:6, 9.

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mu ahotoso a yebenya no betumi aboa yɛn?

4 Yehowa ‘ateɛ ne nsa, hena na obetumi akoa mu?’ (Yes. 14:27) Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ sɛ obehyira yɛn som adwuma no so nti, momma yɛnkɔ so mfa ‘Yehowa tumi nkasa akokoduru so’ a yennyae.—Aso. 14:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena