Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Kɛse?
1 Yɛn nyinaa susuw yɛn daakye ho. Wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so no hwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu. Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi asɛe yɛn anidaso pa no. Mmɔdenbɔ kɛse ho hia na yɛama Ahenni ho nneɛma ho ahia yɛn kɛse wɔ yɛn asetram na honam fam nneɛma annye yɛn adwene.—1 Yoh. 2:15-17.
2 Wiase no ntumi nte nea enti a ebinom de honhom fam botae sisi wɔn anim no ase. (1 Kor. 2:14) Bere a afoforo yere wɔn ho hwehwɛ edin, tumi, anaa ahonyade no, yɛn de yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛhwehwɛ honhom fam ademude. (Mat. 6:19-21) Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwene a wiase no kura wɔ daakye ho no bi a, so yebetumi aduru yɛn honhom fam botae ahorow no ho? Wiase nneɛma begye yɛn adwene ntɛm ara. Yɛbɛyɛ dɛn akwati eyi?
3 “Munsusuw Awurade Yesu Kristo Ho”: Ade biako a yɛnam so behu sɛ yɛde yɛn daakye agyina Ahenni nneɛma so ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɔ yɛn nkɔmmɔ fa. So yɛtaa di honam fam nneɛma ne wiase afɛfɛsɛm ho nkɔmmɔ? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ebia yɛn adwene refi honhom fam nneɛma so anaa. Ɛsɛ sɛ ‘yesusuw Awurade Yesu Kristo ho kɛse sen sɛ yebesusuw honam fam nneɛma’ ho.—Rom. 13:14.
4 Mmerante ne mmabaa betumi ‘asusuw Kristo ho’ denam bere nyinaa som adwuma no a wobedi kan asusuw ho no so. Wɔtetee aberantewaa bi a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ daa kwampaefo wɔ ɔman bi a na su a wokura ne sɛ emu mmerante nyinaa ani beku sika ho kɛse mu. Enti, ɔde ne ho hyɛɛ adwumayɛ mu araa ma na ɔkɔ nhyiam ne asɛnka bi-ne-bi. Bere a onyaa Yesu asɛm a ɔkae wɔ Mateo 6:33 no mu ahotoso na ogyaee adwuma hunu a na egye ne bere pii no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Seesei, sɛnea ɔka no, ‘ɔde ne bere nyinaa’ resom Yehowa wɔ ahonim pa mu.
5 Bible ka sɛ eye sɛ yebesusuw yɛn daakye ho. (Mmeb. 21:5) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ saa bere a yɛde Onyankopɔn apɛdeyɛ di kan no.—Efe. 5:15-17.