Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase April 9
Dwom 93
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Fa nnipa dodow a wɔbaa mo asafo no Nkaedi no ase to gua. Ma atiefo nka anisɔ a wɔn a bere a edi kan ni a wɔaba bi no nyae ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhwɛ The Bible—Its Power in Your Life video no bi mfa nsiesie wɔn ho mma nkɔmmɔbɔ a ɛbɛkɔ so wɔ dapɛn a efi ase April 23 Ɔsom Nhyiam mu no.
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Ka nyansahyɛ a wɔde mae a wogyina so paw afie a wɔyɛ mu nhoma adesua no nso ho asɛm.—Hwɛ August 1983 Yɛn Ahenni Som no Asɛmmisa Afã hɔ.
20 min: “Da ‘Nnamyɛ’ Adi Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.”a Ma adawurubɔfo baanu anaa baasa nka osuahu a wɔanya denam nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nkyekyem 3-5 a wɔde aboa afoforo no so.
Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 16
Dwom 145
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Aka dapɛn abien pɛ wɔ April mu, enti hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkɔ asɛnka ansa na ɔsram no aba awiei.
15 min: “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma.
20 min: “Asɛntiaa a Emu Da Hɔ Ye Sen Biara.”b Fa nyansahyɛ a ɛwɔ asɛm a ɛne “Momma ‘Yɛnka Yɛn Nsɛm Tee!’” a ɛwɔ July 1999 Yɛn Ahenni Som mu kratafa 8 no nso ka ho. Yɛ nsɛm tiawa a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.
Dwom 146 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 23
Dwom 163
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho Kɛse?” Ɔkasa. Fa nyansahyɛ a ɛfata a ɛwɔ November 1, 2000, Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 18-21 no ka ho.
25 min: “Anigye a Woanya Wɔ The Bible—Its Power in Your Life Video no Ho.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Dɛn nti na womfa ntoto osuahu a wɔde ama wɔ 1997 Yearbook kratafa 54, nkyekyem 1, a ɛka sɛnea yɛde Asafo ti no video ahorow no bedi dwuma ho asɛm no ho? Yebesusuw Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no ho wɔ June mu.
Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 30
Dwom 215
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn April asɛnka akontaabu mmra. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so hwɛfo biara hwɛ sɛ obiara a ɔwɔ ne kuw mu no de ne de aba, na ama wɔatumi aka ne nyinaa abom May 6.
15 min: “Di Adanse sɛ Ofipamfo Pa.”c Kyerɛ akwan foforo a yebetumi afa so de yɛn abrabɔ adi adanse.—Hwɛ November 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 18, nkyekyem 16.
20 min: Akwampaefo Reboa Afoforo. Ɔkasa ne nsɛm a ɔsom adwuma sohwɛfo bisabisa afoforo. Ka Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe a ɛwɔ September 1998 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 no, ho asɛm. Ka mfaso a afi eyi mu aba wɔ mo asafo no mu ho asɛm. Bisabisa ɔkwampaefo bi a watumi aboa obi ne ɔdawurubɔfo bi a wanya mmoa, nsɛm. Ma wɔnkyerɛ mfaso a wɔn baanu nyinaa anya wɔ asɛnka adwuma a wɔboom yɛe no mu. To nsa frɛ afoforo ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nhyehyɛe yi mu wɔ asram a edidi hɔ no mu.
Dwom 216 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 7
Dwom 84
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” ma.
15 min: “Biribiara Nyɛ Den Wɔ Onyankopɔn Fam.”d Ka sɛnea wotumi yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ 1935 mu a ɛwɔ Proclaimers nhoma no mu kratafa 443 ho asɛm tiawa na fa toto kyerɛwtohɔ a ɛwɔ nnansa yi Yearbook mu no ho. Kyerɛ sɛnea na ɛte sɛ nea nkɔanim kɛse yi rentumi nyɛ yiye no.
20 min: Yɛbɛyɛ Dɛn Ada Kronnyɛ Adi Wɔ Yɛn Abusua Mu? Ɔpanyin bi ne n’abusua susuw August 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 17-20 ho. Munsusuw akwan a mubetumi afa so ada kronnyɛ adi wɔ fie, wɔ mo ne mo abusuafo ntam, wɔ asafo no mu, wɔ mo mpɔtam hɔ, ne sukuu ne adwuma mu ho.
Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.