Momma “Yɛnka Yɛn Nsɛm Tẽẽ!”
1 So ofiewura bi de nsɛm: “Ka wo nsɛm tẽẽ! Dɛn na wopɛ?”asiw nsɛm a wɔka kyerɛ a woasiesie no yiye ano pɛn? Dɛn na yebetumi asua afi osuahu a ɛte saa mu?
2 Nnipa pii nni abotare nnɛ. Wɔpɛ sɛ wohu nnipa ko a yɛyɛ ne nea enti a yɛaba hɔ no. Sɛ wohu sɛ yɛn nsrahwɛ no atirimpɔw ne sɛ yebesusuw Bible no ho a, ebia wɔbɛto wɔn adwene mu. Bible akenkan ne honhom fam nkɔmmɔbɔ nyɛ nneɛma a ɛho hia wɔ nnipa dodow no ara asetram. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya afiewuranom a wɔte saa ama wɔne yɛn asusuw Bible mu asɛmti bi ho simma kakraa bi?
3 Nea Ɛboa Paa: Ano aduru ne sɛ wode nsɛm tiaa bi bɛkyerɛ ofiewura no sɛ Bible no de nsɛnnennen a ohyia no ho mmuae a wotumi de yɛ adwuma ma. Nsɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn kura asɛmmisa pɔtee bi a ɛbɛma ofiewura no adwennwen nsɛm ho, na wode kyerɛw nsɛm a ebua asɛm no nso asi so. Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛsɔ nyansahyɛ ahorow a edidi so yi mu bi ahwɛ. Wɔasiesie na aboa yɛn ma “yɛaka yɛn nsɛm tẽẽ” a yɛmfa nkyinkyin bere a yɛrekanyan ofiewura no anigye no.
4 Wɔ asasesin a nnipa taa ka sɛ wɔn ani nnye ho mu no, bisa asɛm bi a ɛfa wɔn ho ankasa:
◼ “Bere a yɛrebɛn afeha foforo mu no, so wote nka sɛ anidaso bi wɔ hɔ anaasɛ ebi nni hɔ? [Twɛn ma ommua.] Bible no kaa tebea a ɛhaw adwene a yehu nnɛ ne nea ebefi mu aba no ho asɛm too hɔ.” Kenkan 2 Timoteo 3: 1, 2, 5 ne Mmebusɛm 2:21, 22.
◼ “Akwahosan ho asɛm haw nnipa pii wɔ ɔman yi mu. So wonim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obedi akwahosan ho nsɛnnennen nyinaa ho dwuma?” Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.
◼ “So wususuw sɛ sɛ wɔn a wɔte mpɔtam ha nyinaa de Bible nnyinasosɛm di dwuma a, ɛso bɛba yɛn mfaso?” Kenkan Mateo 22:37-39.
5 Esiane sɛ yɛn ahyɛde ne sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa no nti, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no ɛsɛ sɛ yɛtwe adwene si nea Ahenni no bɛyɛ no so. Wubetumi aka sɛ:
◼ “So na wunim sɛ nhoma a akyɛ sen biara wɔ wiase, Bible no, aka ato hɔ sɛ wiase nyinaa benya nniso biako pɛ?” Kenkan Daniel 2:44.
◼ “Wugyedi sɛ sɛ Yesu Kristo na odi asase so a, anka tebea no bɛyɛ dɛn?” Kenkan Dwom 72:7, 8.
6 Wɔ asasesin a emu nnipa pɛ nyamesom mu no, wubetumi de nnianim nsɛm yi mu biako adi dwuma:
◼ “Nnipa pii hu amane esiane nyiyim a ɛwɔ bɔbeasu, nyamesom, anaasɛ honam ani hwɛbea mu no nti. Wususuw sɛ Onyankopɔn pene saa adwene a ɛnteɛ yi so?” Kenkan Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
◼ “Yenim sɛ Yesu Kristo yɛɛ anwonwade ahorow pii wɔ ne bere so. Sɛ anka wubetumi abisa no ma wayɛ anwonwade biako aka ho a, dɛn na anka wobɛka?” Kenkan Dwom 72:12-14, 16.
7 Sɛ ofiewura no mpɛ sɛ obebue ɔpon no a, wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase sɛ:
◼ “Nnɛ, nnipa pii abrɛ wɔ te a wɔte ɔhaw ahorow ho nsɛm no ho. Wɔpɛ sɛ wɔte ɔkwan a wɔbɛfa so anya ano aduru ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ saa na ɛte wɔ wo fam. Nanso ɛhefa na yebetumi anya yɛn nsɛnnennen ano aduru ankasa?” Twɛn ma ommua..” Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.
8 Dɛn Nti Na Wonsɔ Nhwɛ? Mpɛn pii no, nea egye na yɛakanyan ofiewura bi anigye ara ne sɛ yebebisa asɛm tiawa a emu da hɔ. Ɔbea bi a na ɔsɔre tia yɛn bere bi too nsa frɛɛ anuawanom baanu kɔɔ ne fie bere a wɔn mu biako bisaa no sɛ: “So wubetumi akyerɛ Ahenni ko a wobɔ ho mpae wɔ Awurade Mpaebɔ mu no?” Asɛmmisa no maa ɔbea no ho dwiriw no, na ɔpenee Bible adesua so. Seesei ɔbea no ahyira ne ho so resom Yehowa!
9 Sɛ wo ne ofiewura bi rekasa a, ka nsɛm a ɛyɛ nokware ankasa. Fi koma mu kasa. Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn ani gye wɔn ho ampa a, akyinnye biara nni ho sɛ wobetie yɛn.—Aso. 2:46, 47.
10 Asɛmpaka adwuma no yɛ adwumaden nnɛ. Afiewuranom binom nni ahɔho ho adwempa. Afoforo nso nni adagyew koraa ma enti wɔn bere sua. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nnipa a wɔsɛ pii wɔ hɔ a yebetumi anya wɔn. (Mat. 10:11) Sɛ yɛma yɛn nsɛm yɛ ntiantia na “ɛyɛ tẽẽ” a, akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn no so bɛba mfaso!