Asɛmmisa Afã
◼ Bere bɛn na ɛfata sɛ wɔtew Asafo Nhoma Adesua kuw foforo?
Sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ wosusuw kuw foforo a wɔbɛtew ho na ama nnipa 15 anaa nea ennu saa ahyia efie a wɔyɛ mu adesua no mu, a Ahenni Asa so ka ho. Dɛn nti na nyansahyɛ a ɛte saa fata?
Sɛ Asafo Nhoma Adesua no mufo sua a, nea ɔhwɛ so no tumi ma n’ani ku obiara ho. Afei nso, wɔn nyinaa tumi nya hokwan ma mmuae na tebea a ɛte saa no ma wotumi da wɔn gyidi adi wɔ baguam. (Heb. 10:23; 13:15) Asafo Nhoma Adesua kuw pii a wobenya wɔ asafo no asasesin mu nyinaa no ma adesua no ne asɛnka nhyiam a wɔbɛkɔ no yɛ mmerɛw. Asafo ahorow a wɔwɔ nhoma adesua kuw pii no ahu sɛ nnipa pii na wotumi kɔ adesua a ɛte saa no ase.
Tebea titiriw bi nso ma ɛho behia sɛ wɔtew kuw foforo, sɛ mpo emufo nnɔɔso a. Eyi ho hia wɔ mmeae a atew ne ho anaa faako a nnipa pii kyere so anaa wonnya nkongua ntra so no. Sɛ ɛho behia a, wobetumi atew kuw bi a emufo behyia awia na ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔyɛ nnwuma anadwo, anaa anuanom mmea a wɔn kununom nyɛ Adansefo no, atumi akɔ bi.
Ɛsɛ sɛ nhoma adesua kuw biara nya adawurubɔfo a wɔyɛ hyew wɔ honhom mu na wɔkɔ adesua daa ne wɔn a wɔn ho akokwaw a wɔbɛhwɛ so na wɔakenkan. Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima no pere du hokwan yi ho wɔ asafo no mu.
Mpanyimfo no betumi ama asafo no anya nkɔso denam asafo nhoma adesua no mufo dodow a wɔbɛma ayɛ nea ɛsɛ na wɔaboa ma wɔanya nkɔso wɔ honhom fam na wɔahyia beae a ɛfata no so. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ wɔtew kuw foforo na ama obiara atumi anya honhom fam nhyehyɛe soronko yi mu mfaso kɛse. So wubetumi de wo fie ama sɛ baabi a wɔbɛyɛ nhoma mu adesua? Anuanom pii a wɔayɛ saa no anya honhom fam nhyira pii.