Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase August 13
Dwom 30
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ The New World Society in Action video no mfa ntwɛn Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ August 27 dapɛn no mu no. Ka “Ghana Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ” ho asɛm. Aka adapɛn abien pɛ na August aba awiei, enti hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe nkɔ asɛnka ansa na ɔsram no awu sɛnea ɛbɛyɛ a yebebu akontaa pa wɔ ɔsom afe no awiei.
17 min: “Wopɛ sɛ Woyɛ Pii?”a Fa nyansahyɛ a ebetumi ama moayɛ pii de adi mo asasesin mu nnipa a ɛsono kasa a wɔka adanse ka ho. Ka June 15, 1997 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-9 mu asɛm tiawa.
15 min: “Ma W’ahomegye Nkari Pɛ.” Nhoma adesua sohwɛfo ne awarefo bi bɔ nkɔmmɔ bere a wɔapɔn wɔn adesua no. Ofi ayamye mu ka sɛ nnansa yi onhu wɔn wɔ asɛnka mu anaa adapɛn awiei nhyiam ase. Awarefo no kyerɛkyerɛ mu sɛ akwamma ne dwumadi afoforo mma wonnya adagyew. Ɔpanyin no twe adwene si asɛm no mu nsɛntitiriw so, na ɔboa awarefo no ma wohu sɛ ɛsɛ sɛ bere nyinaa wɔma honhom fam nneɛma ho hia wɔn sen biara. Wɔkyerɛ nkaesɛm a ɛfata no ho anisɔ. Wɔka sɛ afei wɔbɛyɛ nneɛma a ɛho hia ho nhyehyɛe.—Hwɛ October 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-20.
Dwom 68 mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 20
Dwom 33
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: “Moyɛ Ahwɛde!”b Ka sɛnea nkurɔfo a wɔwɔ mo mpɔtam hɔ no kaa Yehowa Adansefo adwuma anaa wɔn abrabɔ ho asɛmpa ho asɛm.—Hwɛ March 15, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 10, ne January 15, 1999 de, kratafa 32.
22 min: “Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su.” Ɔpanyin bi de simma 5 ma nkyekyem 1-5 ho ɔkasa. Afei ɔne ɔpanyin foforo ne asafo mu somfo bi susuw nkyekyem a aka no ho wɔ asɛnka agua so. Wosusuw sɛnea yɛbɛkwati nneyɛe a ebetumi atwe adwene afi yɛn nhyiam no so ma enti yɛrennya so mfaso kɛse ho. Wosi sɛnea yɛn fekubɔ hyɛ nkuran ankasa bere a yɛde ɔdɔ dwen afoforo ho no so dua.—Fil. 2:4.
Dwom 72 mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 27
Dwom 40
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn August asɛnka akontaabu mmra. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo bisa wɔn kuw no muni biara ma ɔde n’akontaabu ma sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu September 6 no na wɔaka akontaabu no nyinaa abom. Fa sɛnea yebetumi de Creation nhoma no ama wɔ asɛnka mu wɔ September mu ho nyansahyɛ biako anaa abien ma.—Hwɛ ɛho nhwɛso wɔ September 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8.
10 min: Asafo mu ahiade.
25 min: “The New World Society in Action Ho Abakɔsɛm.” Atiefo nkɔmmɔ ne nsɛm a wobisabisa afoforo. Sɛ mususuw nsɛmmisa a wɔde ama no ho wie a, bisabisa wɔn a wɔahwɛ sini a wodii kan yɛe no bi anaa wɔn a wotumi kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ 1950 mfe no mu no bi nsɛm. Ma wɔnka nea wɔkae wɔ ho, sɛnea aboa wɔn wɔ honhom fam, ne gye a wogye dii sɛ eyi ne Yehowa ahyehyɛde no, ho nsɛm. Yebesusuw United by Divine Teaching video no ho wɔ October mu.
Dwom 74 mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 3
Dwom 80
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Kristofo Fekubɔ Ho Hia Dɛn?”c Fa January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, kratafa 22 mu asɛmti ketewa a ɛne “Ɛdenam Asafo No So” mu asɛm ka ho.
10 min: Ɔsom adwuma sohwɛfo ka asɛmmisa afã no ho asɛm.
15 min: Sɛ Obi Ka Sɛ. Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Sɛ yɛkɔ asɛnka na nkurɔfo bisa yɛn nsɛm bi a yɛnhwɛ kwan a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebebua sen sɛ yɛbɛsakra asɛm no anaasɛ yebetwa nkɔmmɔbɔ no so. Mpɛn pii no Reasoning nhoma no tumi boa wɔ eyi mu. Twe adwene si nsɛm a wɔtaa ka no bi so, na ma adawurubɔfo nyɛ sɛnea wɔde Reasoning nhoma no mu nsɛm bebua ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ nhwɛso no: ‘Minnye Onyankopɔn nni.’ (nkratafa 150-1) ‘Dɛn nti na monnyɛ biribi mfa mmoa ɔman no?’ (nkratafa 207-8) ‘Asɔre a wokɔ mfa ho.’ (kratafa 332) Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa Reasoning nhoma no afa horow yi nni dwuma bere a wobisa nsɛm a ɔnhwɛ kwan wɔ asɛnka mu no.
Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.