Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/01 kr. 1
  • Kristofo Fekubɔ Ho Hia Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Fekubɔ Ho Hia Dɛn?
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua Nhyehyɛe—Asafo Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Kristofo Nhyiam Horow A Yɛbɛkyerɛ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Dɛn Na Woanya Nyɛe?
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 8/01 kr. 1

Kristofo Fekubɔ Ho Hia Dɛn?

1 “Obiara nte sɛ supɔw.” Asɛm yi a afeha ɛto so 17 anwensɛm kyerɛwfo bi kae no si nea Bible ka fa nnipa ahiade titiriw—fekubɔ—ho no so dua. (Mmeb. 18:1) Yɛn Kristofo fekubɔ no di ahiade yi ho dwuma. Akwan bɛn so na yenya so mfaso?

2 Wɔ Asɛnka Adwuma Mu: Mfaso atitiriw a yenya no mu biako ne sɛnea yɛn nuanom hyɛ yɛn den na wɔboa yɛn wɔ asɛnka adwuma mu no. Yesu somaa n’asuafo no “baanu baanu” ma wɔkɔkaa asɛm no. (Marko 6:7; Luka 10:1) Bere a yɛne afoforo kɔ asɛnka ma ɛne nhwɛso yi hyia no, ɛma yehu nokwasɛm a Ɔsɛnkafo 4:9, 10 yɛ no. Bere a yebom yɛ asɛnka adwuma no, yɛn nuanom gyidi, ahobrɛase, ne ɔdɔ no ma yenya akokoduru na yɛda nnamyɛ adi.

3 Mmoa a Ankorankoro De Ma: Afei nso, yɛn nuanom hyɛ yɛn nkuran na wɔma yenya akwankyerɛ a ɛma yegyina nhyɛso ano na yɛko tia sɔhwɛ ahorow. Yɛn Kristofo nuanom tumi kyerɛ yɛn kyerɛw nsɛm bi a edi yɛn haw ahorow ho dwuma. Wobetumi abɔ mpae mpo ama yɛn sɛnea yɛbɔ bi ma wɔn no. (2 Kor. 1:11) Na ɛda adi sɛ wɔn nhwɛso pa no kanyan yɛn ma yɛyɛ adepa na ɛhyɛ yɛn den.

4 Wɔ Nhyiam Horow Ase: Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam daa a, yenya Kristofo fekubɔ so mfaso. (Heb. 10:24, 25) Nhyiam dwumadi no ma yenya honhom fam nkyerɛkyerɛ pii, na kɔ a yɛkɔ bi no ma yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ kɛse. Nhyiam a ɛtete saa no ma yenya hokwan tie yɛn nuanom gyidi ho asɛm fi asɛnka agua so anaa wɔ nnipadɔm no mu. (Rom. 1:12) Yɛn fekubɔ no mu yɛ den bere a yɛbɔ nkɔmmɔ ansa na yɛahyɛ nhyiam no ase anaasɛ bere a yɛapɔn no. Yenya hokwan ka yɛn ankasa suahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den no ho asɛm wɔ nhyiam a ɛte saa no ase. Yenya su pa bere a yɛne wɔn a wɔdɔ Yehowa, N’asɛm, n’adwuma, ne ne nkurɔfo, bɔ no.—Fil. 2:1, 2.

5 Yehia yɛn nuanom Kristofo. Sɛ wonni hɔ a, ɛbɛyɛ den ama yɛn paa sɛ yɛbɛnantew ɔkwan hiahiaa a ɛkɔ nkwa mu no so. Nanso, ɛdenam wɔn dɔ ne wɔn nkuranhyɛ so no, yebetumi akɔ yɛn anim kosi sɛ yɛbɛhyɛn Yehowa wiase foforo a trenee te mu no mu.—Mat. 7:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena