Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase April 8
Dwom 39
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no mfa nsiesie ne ho mma ɛho a yebesusuw wɔ April 22 dapɛn no mu Ɔsom Nhyiam ase no. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ sɛnea wɔde April 15 Ɔwɛn-Aban ne May 8 Nyan! ma no ho ɔyɛkyerɛ abien. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so abua asɛm, “Mewɔ m’asɔre a mekɔ” a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 10-11.
12 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye.”a Wɔ nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ akyi no, bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nsɛm ma wɔnka sɛnea wɔretrɛw wɔn som adwuma mu ho asɛm.
Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 15
Dwom 101
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ.
15 min: Akwampaefo Kɔ So Boa Afoforo. Ɔsom adwuma sohwɛfo, ne Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo, ɔkwampaefo, ne ɔdawurubɔfo bɔ nkɔmmɔ. Ɔsom adwuma sohwɛfo no ka Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe a wɔaka ho asɛm wɔ September 1998 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 no ho asɛm. Afei ɔne wɔn mu biara susuw nea wɔyɛ wɔ nhyehyɛe no mu ne sɛnea ɛredi n’atirimpɔw ho dwuma ho. Dɛn na wɔayɛ na ama asow aba? Ɔsom adwuma sohwɛfo ka kyerɛ adawurubɔfo nyinaa sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wonya mmoa wɔ asɛnka mu a, wɔmma n’aso nte. Wobetumi de wɔn a wɔaboa wɔn wɔ bere a atwam no mu asan aka ho ma wɔasan aboa wɔn wɔ ɔsom adwuma no fã foforo bi mu.
20 min: “Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu Anigye.”b Hyɛ mmabun nkuran sɛ wommisa kwan nyɛ akwampaefo aboafo wɔ May ne September ntam.
Dwom 199 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 22
Dwom 90
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma asafo mu ɔsomfo bi mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ma ho ɔyɛkyerɛ na onuawa bi nyɛ sɛnea wɔde May 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi no, san tĩ asɛm biako anaa abien a wodii kan kae de kanyan ofiewura no anigye no mu.
15 min: Du Hɔ Bere Ano! Ɔkasa. Yɛn som mu dwumadi ahorow yɛ nneɛma atitiriw na ehia sɛ yenya “bere a wɔahyɛ.” (Ɔsɛnk. 3:1) Yɛpɛ sɛ yenya yɛn teokrase ho nhyehyɛe so mfaso a ɛsen biara. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn asafo nhyiam ne asɛnka nhyiam horow ase ntɛm wɔ bere a wɔahyɛ no mu. Yehowa nka akyi da wɔ ne nnwuma a ɔyɛ mu. (Hab. 2:3) So ehia sɛ yenya nkɔso wɔ eyi mu? Ɛtɔ da bi a, ankorankoro bi ka akyi a wontumi nyɛ ho hwee. Nanso, sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa a, enhia sɛ yɛka akyi daa, na yedu hɔ bere a wɔato dwom abɔ mpae a wɔde fi nhyiam no ase awie anaasɛ bere a wɔayɛ asɛnka ho nhyehyɛe awie dedaw no. Munsusuw akwan pa a yɛbɛfa so anya su pa a ɛbɛma yɛadu yɛn honhom fam dwumadi nyinaa ase ntɛm ho.—Hwɛ June 15, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban kratafa 29.
20 min: “Wɔakyerɛ Ho Anigye Kɛse!”c Wɔ nkyekyɛm 1 no, ma asafo no nka Young People Ask—How Can I Make Real Friends video no ho nsɛm tiawa. Afei wo ne atiefo mfi ase nsusuw asɛm biara a ɛwɔ nkyekyɛm 2-7 no ho ntɛm ara. Yebesusuw Our Whole Association of Brothers video no ho wɔ June mu.
Dwom 191 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 29
Dwom 162
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn April asɛnka akontaabu mma.
15 min: “Ahenni Asɛnka Boa Ma Wogye Nkwa!”d Ma atiefo nka sɛnea kyerɛw nsɛm no fa asɛm no ho.
20 min: Nhwehwɛmu a Yɛde Reasoning Nhoma no Bɛyɛ. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔtaa bisa nsɛm bi wɔ asɛnka mu a wɔnkyerɛ wɔ Reasoning nhoma no mu “Principal Subjects” (nkratafa 5-6) no ase. “Index” a ɛwɔ (nkratafa 439-45) no boa paa wɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a yebehu de akyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu no ho. Ma atiefo ne wo nhwehwɛ nsɛmmisa a edidi so yi mmuae denam “index” a ɛwɔ asɛmfua biara a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw ase no so: Adwene bɛn na Kristofo kura wɔ ɔman dwom ne afrankaa ho? Dɛn nti na Onyankopɔn ma asiane ahorow ho kwan? Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛkyerɛ nea Bible ka fa awaregu ho no mu? Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ anuanom mmea kata wɔn ti so, na bere bɛn? Ɛhe na Ɛnanom Da no fi? Yɛyɛ dɛn hu sɛ 144,000 nyɛ sɛnkyerɛnne kwan so nɔma wɔ Bible mu? Dɛn na ɔdefo ne Lasaro ho bɛ no kyerɛ? Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa Reasoning nhoma no nni dwuma wɔ asɛnka mu.
Dwom 28 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 6
Dwom 141
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Kɔ So Nya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So Mfaso” ho.
10 min: Di Kan Yɛ Nhyehyɛe Ma Asram a Wobɛkɔ Akwamma No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Bobɔ dwumadi ahorow a wɔtaa yɛ ho nhyehyɛe saa bere no so: nhyiam titiriw mũ no nyinaa a wɔbɛkɔ, akwampaefo aboafo adwuma a wɔde ɔsram biako anaa nea ɛboro saa bɛyɛ, wɔn fie a wosiesie, ne ebia akwamma a wɔkɔ anaa ahomegye bi a wonya. Ma wɔn mu binom nka nhyehyɛe a wɔayɛ ama wɔn akwamma ne sɛnea wɔbɛhwɛ sɛ wɔremmu wɔn ani ngu abusua adesua, asafo nhyiam, ne asɛnka so, bere a wɔatu kwan kɔ mmeae foforo mpo no ho asɛm. Sɛ asafo no wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma a, fa nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛbɛma moayɛ mu adwuma to gua. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔnhwɛ nhu sɛ Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no nsa bɛka wɔn asɛnka akontaabu, ɛmfa ho sɛ ebia wɔwɔ hɔ anaasɛ wɔatu kwan no.
25 min: “Mmusua a Wɔyɛ Den Wɔ Honhom Fam—Ɔkwan Bɛn So?”e Sɛ mususuw asɛm no ho wie a, ka osuahu ahorow a ɛwɔ February 15, 1999 Ɔwɛn-Aban nkratafa 10-12 no bi kyerɛ.
Dwom 17 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.