Mmusua a Wɔyɛ Den Wɔ Honhom Fam—Ɔkwan Bɛn So?
1 Wɔkamfo Kristofo mmusua wɔ ‘onyamesom pa a wɔda no adi wɔ wɔn afie mu’ no ho. (1 Tim. 5:4) Nanso, esiane sɛ nkɛntɛnso bɔne pii atwa yɛn ho ahyia a ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw nti, ɛho hia sɛ mmusua yere wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ den wɔ honhom fam. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
2 Di Tiyɛ Ho Dwuma sɛ Kristo: Ehia sɛ mmusua ti suasua Yesu Kristo wɔ sɛnea wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma de hyɛ wɔn mmusua den no mu. Wɔ Yesu afɔrebɔ wu a ɔnam so daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛn akyi no, ‘ɔyɛn’ asafo no na “ɔhwɛ so” daa. (Efe. 5:25-29) Awofo a wɔwɔ dɔ suasua ɔhwɛ a wofi odwo mu de ma ho nhwɛso yi denam wɔn mmusua da biara honhom fam ahiade a wɔde ma wɔn no so. Nea ɛka eyi ho ne abusua Bible adesua a wɔyɛ dapɛn biara, honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ a etu mpɔn a wɔbɔ bere biara a ɛbɛyɛ yiye, ne ɔhaw ahorow a wodi ho dwuma bere a ɛsɔre no.—Deut. 6:6, 7.
3 Wɔ Asɛnka Mu: Ɛsɛ sɛ abusua no mufo nyinaa hu sɛ Yehowa ne n’atirimpɔw ho adanse a wodi kyerɛ afoforo no yɛ wɔn som fã a ɛho hia. (Yes. 43:10-12) Awofo, sɛ mopɛ sɛ mo mma yɛ Yehowa Adansefo anokwafo a, ɛsɛ sɛ mufi ase ntɛm siesie wɔn koma ma ɔsom adwuma no. Munsusuw nea enti a ehia sɛ wɔda ahofama adi wɔ asɛnka mu na wɔde wɔn ho hyem dapɛn biara no ho. (Mat. 22:37-39) Afei monyɛ nhyehyɛe mma wɔne mo nkɔ asɛnka daa.
4 Momma wonnya asɛnka adwuma no ho anisɔ denam bere a mubeyi asi hɔ wɔ dapɛn biara abusua adesua no mu de asiesie asɛm a wɔka kyerɛ a etu mpɔn na wɔayɛ ahwɛ no so. Montete mo mma no mmiako mmiako wɔ asɛnka mu, na mommoa wɔn mma wonnya nkɔanim sɛnea wɔn mfe ne wɔn ahoɔden te. Sɛ mo ne wɔn bom yɛ asɛnka adwuma no wie a, munsusuw sɛnea wɔn ankasa huu Yehowa papayɛ no ho. Monka osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den nkyerɛ wɔn. Dodow a mmusua ‘ka hwɛ sɛ Awurade yam ye’ no, dodow no ara na wɔbɛn Yehowa kɛse, na ɛhyɛ wɔn den ma wɔko tia ‘bɔne nyinaa.’—1 Pet. 2:1-3.
5 Wɔ Asafo Nhyiam Horow Ase: Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ abusua mufo boa wɔn ho wɔn ho ma wɔkɔ asafo nhyiam horow nyinaa, ne titiriw no, sɛ wɔn mu biako abrɛ, n’abam abu, anaasɛ wabotow a! Onuawa kumaa bi kae sɛ: “Sɛ me papa fi adwuma ba fie a, na wabrɛ. Nanso meka biribi pa bi a wɔbɛka ho asɛm wɔ nhyiam no ase anwummere no kyerɛ no, na ɛhyɛ no nkuran ma ɔkɔ. Afei sɛ mete nka sɛ mabrɛ a, ɔhyɛ me nkuran ma mekɔ.”—Heb. 10:24, 25.
6 Nneɛma a Wɔbom Yɛ: Ɛsɛ sɛ mmusua bom yɛ nneɛma te sɛ boa a wɔbɛboa ayɛ fie nnwuma. Ɛsɛ sɛ woyi bere si hɔ nso de yɛ biribi a wɔapaw no yiye sɛ wɔde begye wɔn ani. Mo ani a mobɛkɔ akogye wɔ baabi, mpasetu, agodi ne abusuafo anaa nnamfo a mubetu kwan akɔsra wɔn no betumi ama mo ani agye na ayɛ biribi a mode anigye bɛkae. So mo abusua tra ɔpon ho didi daa, ma enti ɛma munya hokwan da biara bɔ fekuw ne nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye? Ma adidi bere nyɛ nea abotɔyam wom na ɛyɛ anigye.—Ɔsɛnk. 3:4.
7 Kristofo mmusua a wɔyɛ den di nsɛnnennen a wohyia da biara wɔ wɔn honhom fam yiyedi ho no so. Wonya Yehowa tumi denam bɛn a wɔkɔ so bɛn no daa no so.—Efe. 6:10.