Yɛn Ho Yɛn Ho Nkuran a Yɛbɛhyehyɛ Wɔ Ɔkwan Soronko So
1 Yehowa nkurɔfo hyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ ahorow da biara da. Esiane sɛ Ɔbonsam nim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa nti, ɔde ne ntua a etwa to a ɛbɛma yɛagyae yɛn mudi mu a yekura ma Yehowa no ba yɛn so. (Adi. 12:12) Ɛho hia sɛ ‘yɛkɔ so yɛ den wɔ Awurade ne n’ahoɔden tumi mu’ na ama ‘yɛatumi agyina da bɔne no mu, na bere a yɛayɛ nneɛma nyinaa awie koraa no, yɛagyina pintinn.’—Efe. 6:10, 13.
2 Yɛn mfɛfo gyidifo a yɛne wɔn hyiam no yɛ nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahoɔden. Ɔsomafo Paulo ani sɔɔ eyi. Ɔpɛe sɛ ɔne ne nuanom Kristofo bɛbɔ fekuw na ama wɔn ‘nyinaa atumi ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran’ na ‘wɔayɛ den.’ (Rom. 1:11, 12) Nea ɛbɛyɛ na Sodikuw no ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ Onyankopɔn apɛde no, wofi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛanya mfaso afi hokwan a yɛde bɛhyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no ase mu no ama yɛn.
3 Kɔ Bi na Woanya So Mfaso: Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ nnansa no nyinaa. Sɛ yedu hɔ ansa na wɔato dwom a edi kan no, na yɛtwɛn kosi bere a yebefi komam aka “Amen” wɔ mpaebɔ a wɔde pɔn no awiei a, ‘yenya so mfaso.’ (Yes. 48:17, 18) Ebehia sɛ pii di kan koraa yɛ wɔn adwuma ho nhyehyɛe na ama wɔanya bere a wɔde bɛkɔ nnansa no nyinaa. Ɛwom, ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛma w’adwumawura ama wo kwan de, nanso Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛayɛ n’apɛde. (1 Yoh. 5:14, 15) Sɛ yɛnyɛɛ afiri a yɛde bɛkɔ ne dabere ho nhyehyɛe pɔtee bi dedaw a, ɛnde bere aso sɛ yɛyɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛte nka kɛkɛ sɛ biribiara bɛyɛ yiye. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ nnansa no nyinaa no so.—Mmeb. 10:22.
4 Hwɛ Kwan sɛ Wubenya Nkuranhyɛ: So woafi ɔmantam nhyiam bi ase aba aka sɛ: “Ɛsen nea makɔ nyinaa!” pɛn? Dɛn nti na ebia wotee nka saa? Efisɛ sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yebetumi abrɛ nkakrankakra, na yebehu sɛ yehia honhom fam nkuranhyɛ. (Yes. 40:30) Onuawa bi kae sɛ: “Nneɛma nhyehyɛe yi ma mebrɛ, na ɔmantam nhyiam ahorow no ma mesan susuw sɛnea midwen honhom fam nneɛma ho no ho, na ɛma minya honhom fam ahoɔden a mihia no. Ɛte sɛ nea minya nkuranhyɛ no wɔ bere a mihia paa no mu.” Ɛda adi sɛ woate nka saa pɛn.
5 Ɛnyɛ ɔkasa ahorow ne nsɛm a wobisabisa afoforo no nkutoo na ɛma yenya nkuranhyɛ a yehia no, na mmom denam yɛn nhyiam no afã horow a ɛma denhyɛ no nso so. Onua bi kae sɛ: “Ɛyɛ Bible nnyinasosɛm a wɔkyerɛkyerɛ mu yiye no na m’ani gye ho ankasa. Nokwarem no, drama ahorow no boa paa bere a ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi anya tete nhwɛso ahorow, nea eye ne nea enye so mfaso no. Nhoma a woyi no adi no yɛ biribi a mehwɛ kwan bere nyinaa, na m’ani gye ne kenkan ho bere a mesan kɔ fie no.”
6 Ɔmantam nhyiam ahorow yɛ nsiesiei titiriw a Yehowa ayɛ wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Ɛboa yɛn ma yetie afotu a efi honhom mu yi: “Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.” (1 Kor. 16:13) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa bi na yɛahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ ase!
[Adaka wɔ kratafa 3]
Yɛ Nhyehyɛe Kɔ Nnansa no Nyinaa
■ Bisa kwan wɔ adwuma mu.
■ Yɛ nhyehyɛe ma w’abusua mufo NYINAA nkɔ bi.
■ Yɛ afiri a wode bɛkɔ nhyiam no ho nhyehyɛe.