“Munni Nea Eye Akyi Daa”
1 Kristofo asetra kwan hwehwɛ sɛ ‘yedi nea eye ma nnipa nyinaa akyi daa.’ (1 Tes. 5:15) Sɛ yɛrekɔ yɛn ɔmantam nhyiam horow a, yenya hokwan pii a ɛbɛma yɛayɛ biribi pa ama afoforo. Wɔ saa mmere no mu no, ɔmanfo hwɛ yɛn, na wɔn a yɛne wɔn di nkitaho no nyinaa gyina sɛnea yɛne wɔn di no so na wɔde kyerɛ sɛnea yɛte. Sɛ yɛbɛkora din pa a yɛwɔ sɛ Yehowa Adansefo no so a, ehia sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ ‘yedi nnipa nyinaa ni.’ (1 Pet. 2:17) Nea ɛka eyi ho ne sɛ ‘yɛrenhwehwɛ yɛn nko ade, na mmom sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn mfɛfo de bi.’ (Fil. 2:4) Susuw sɛnea eyi fa nhyiam dabere ho nhyehyɛe ho no ho hwɛ.
2 So wode wo dabere ho akwammisa ama? (1) Nnyaw dan bi nto hɔ a wo nna mu, a nea ɛma woyɛ saa ne sɛ woanya dan foforo a eye nti. (2) Sɛ woanyɛ dabere ho nhyehyɛe a nhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe no betumi anya baabi ama woada. (3) Sɛ wokɔ ahɔhodan bi mu a, da boasetɔ ne obu adi kyerɛ ahɔhodan mu adwumayɛfo no bere a wɔrebɔ mmɔden ama wo baabi ada no. (4) Sɛ wɔma ahɔho a wɔbɛsoɛ ahɔhodan no mu nkutoo anɔpaduan a, mfa bi nkɔma afoforo. (5) Di akwankyerɛ ahorow a wɔde ama wɔ beae a wobɛtra no nyinaa so. (6) Kyɛ nea osiesie ahɔhodan no mu ade sɛnea ɛfata.
3 Mmofra a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Wɔn Ma Wɔayɛ Nea Eye: Wɔhyɛɛ no nsow wɔ nhyiam ahorow bi a wɔyɛe ase sɛ awofo bi amma wɔn ani ankɔ wɔn mma ho bere a na dwumadi no rekɔ so ne mmeae a wɔkɔtrae no nso. (Mmeb. 29:15) Wɔ nhyiam no ase no, na wɔtaa hu sɛ saa mmofra no adeda wɔ kɛtɛ so, anaa wɔredi agoru, anaasɛ wɔrekyinkyin wɔ nhyiam no ase ne akyiri. Afoforo, a mpanyimfo bi ka ho, dii akɔneaba kɔtotɔɔ ice cream ne nnɔkɔnnɔkɔwade foforo te sɛ nea nhyiam no yɛ adidi ne ɔnom bi kɛkɛ. Wɔ mmeae ahorow a wɔkɔdae no nso mmofra bi yɛɛ dede tuatuaa afoforo, Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo no nyinaa, aso.
4 Awofo, ansa na wɔbɛyɛ nhyiam no, ɛbɛyɛ papa sɛ mubegye bere kakra ne mo mma asusuw Kristofo abrabɔ a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛda no adi bere nyinaa wɔ mmeae nyinaa no ho. (Efe. 6:4) Sɛ nhwɛso no, monkyerɛ wɔn sɛ nokware Kristofo dɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no.’ (1 Kor. 13:5) Mpanyimfo betumi ahyɛ nsɛm yi mu den denam nhwɛso pa a wɔbɛyɛ ma obiara ahu no so. Mmofra, mubetumi adi nea eye akyi denam mo awofo a mubetie wɔn, akyerɛ obu ama afoforo agyapade, na moasusuw wɔn a mo ne wɔn bɔ ho no so. (Kol. 3:20) Bere a yɛde biakoyɛ bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea eye ama obiara no, ‘yɛhyɛ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ no, ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
5 Ɛnyɛ wɔn a wɔhwɛ yɛn no nkutoo na yɛn abrabɔ pa nya wɔn so nkɛntɛnso pa, na mmom wɔn a biribi nti wɔkasa tia yɛn no nso. Biribiara a yɛyɛ wɔ nhyiam no ase ne kurow a yɛreyɛ nhyiam no wom—sɛ ebia yɛnam abɔnten, yɛredidi wɔ adidibea, yegye yɛn ahome wɔ ahɔhodan mu, anaasɛ yɛde hokwan ahorow redi adanse bɔnnɔ so—no, ɛsɛ sɛ yɛn Kristofo kasa ne yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yedi nea eye akyi.
[Adaka wɔ kratafa 4]
Yɛsrɛ sɛ Kae:
■ Da boasetɔ ne obu adi kyerɛ wɔn a wɔresom wo hɔho no.
■ Di beae a wobɛtra hɔ akwankyerɛ ahorow so, na obiara nnya so mfaso.
■ Mfa anɔpaduan ho nhyehyɛe a wɔyɛ no mma ɛmmoro so.
■ Hwɛ wo mma nneyɛe yiye.