Di Wo Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma
1 Yɛn “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no bɛma yɛanya hokwan soronko de adi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma. Te sɛ honam fam aduan pa no, akyinnye biara nni ho sɛ dwumadi no de ‘gyidi nsɛm’ bɛwowaw yɛn wɔ honhom fam. (1 Tim. 4:6) Ɛbɛma yɛatumi abɛn Yehowa kɛse. Na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya afotu ne nkuranhyɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano wɔ yɛn asetra mu. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dw. 32:8) Hwɛ nhyira ara a yɛanya sɛ yɛwɔ n’akwankyerɛ a ɔdɔ wom wɔ yɛn asetra mu! Susuw nneɛma pa a yebetumi ayɛ na ama yɛanya nhyiam dwumadi no so mfaso paa no bi ho hwɛ.
2 Ehia sɛ Yesiesie Yɛn Koma: Yɛn mu biara wɔ asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ n’ankasa sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban. (Mmeb. 4:23) Eyi hwehwɛ sɛ yɛda ahosodi adi na yehu sɛnea yɛte ankasa. Nhyiam no yɛ bere a yɛde besusuw yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho, ɛyɛ bere a ‘yebegyen yɛn ani ahwɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu.’ Sɛ yebesiesie yɛn koma agye ‘asɛm a wɔatɛw’ no atom a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔhwehwɛ yɛn mu na ama wahu “amane kwan” biara a ehia sɛ wɔteɛ no, na wakyerɛ yɛn kwan wɔ “daa kwan” no so.—Yak. 1:21, 25; Dw. 139:23, 24.
3 Tie Asɛm na Dwennwen Ho: Yesu kamfoo Maria sɛ ɔwɛn n’aso tiee ne nsɛm bere a ɔkaa eyi no: “Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.” (Luka 10:39, 42) Sɛ yekura adwene a ɛte saa ara a, yɛremma nneɛma a ɛho nhia pii ntwetwe yɛn adwene. Yɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛtra ase awɛn yɛn aso atie dwumadi no nyinaa. Yɛrentɔ nko na kampɛsɛ yɛadan yɛn ho ato fam ada. Yɛrenkasa anaasɛ yenkyinkyin basabasa, na yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa telefon a wokura kyin, mfoninitwa afiri ne video ntwetwe afoforo adwene.
4 Sɛ yetie ɔkasa ahorow no a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkyerɛw nsɛm ntiantiaa ato hɔ na aboa yɛn ma yɛasusuw sɛnea wɔrekyerɛkyerɛ asɛm no mu ho yiye. Ɛsɛ sɛ yɛde nea yetie no toto nea yenim dedaw no ho. Eyi bɛboa yɛn ma yɛate asɛm no ase na yɛn werɛ amfi. Sɛ yɛresusuw nsɛm a yɛkyerɛw too hɔ no ho a, ehia sɛ yɛde adwene a ɛne sɛ yɛde asɛm no bedi dwuma yɛ saa. Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na eyi ka me ne Yehowa ntam abusuabɔ? Nsakrae horow bɛn na ehia sɛ meyɛ wɔ m’asetra mu? Mɛyɛ dɛn atumi de asɛm yi adi dwuma wɔ me ne afoforo nsɛnnii mu? Mɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma wɔ me som adwuma mu?’ Ɛsɛ sɛ yɛne afoforo susuw nsɛm a yɛn ani gye ho titiriw no ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛde nsɛm a Yehowa ka no ‘asie yɛn komam tɔnn.’—Mmeb. 4:20, 21.
5 Momma Yɛmfa Nea Yesua Nni Dwuma: Bere a obi kɔɔ ɔmantam nhyiam bi bae akyi no, ɔkae sɛ: “Na dwumadi no fa me ho ankasa, ɛkanyan obi ma ɔhwehwɛ nea ɛwɔ ɔne n’abusua komam, na ɛde Kyerɛwnsɛm mu mmoa a efi ɔdɔ mu ma sɛnea ehia. Ama mahu asɛyɛde a mewɔ sɛ meboa asafo no yiye.” Ɛda adi sɛ yɛn mu pii ate nka saa ara. Nanso ɛnnɔɔso sɛ yebefi hɔ akɔ a yɛte nka sɛ wɔahyɛ yɛn nkuran na yɛayɛ den kɛkɛ. Yesu kae sɛ: ‘Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.’ (Yoh. 13:17) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de nsɛntitiriw a ɛfa yɛn ankasa ho no di dwuma. (Fil. 4:9) Eyi na ɛbɛma yɛadi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma koraa.
[Adaka wɔ kratafa 5]
Dwennwen Nea Wote Ho:
■ Ɔkwan bɛn so na ɛka me ne Yehowa ntam abusuabɔ?
■ Ɔkwan bɛn so na ɛka sɛnea me ne afoforo di?
■ Mɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma wɔ m’asetra ne me som adwuma mu?