Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/02 kr. 6
  • Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahosiesie a Ɛfata Kyerɛ Obu a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • W’ahosiesie Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 11/02 kr. 6

Ntadehyɛ ne Ahosiesie a Ɛfata

1 “Mmarima no nyinaa, mmarimaa no mpo, bobɔ tae. Mmea mpanyimfo ne mmeawa no nyinaa, mmabaa ne mmofra nkumaa hyehyɛ ntade a ɛfata. Wunhu sɛ obi hyɛ trɔɔs a akyekyere no papee anaa hyɛɛt a ɔntotoom. Obiara a ɔwɔ ha ani agye.” Saa na nsɛm ho amanneɛbɔ bi kae. Na wɔreka anuanom mmarima ne mmea bi a wɔwɔ ɔmantam nhyiam kɛse bi ase wɔ afe a etwaam no ho asɛm.

2 Wɔ kurow foforo bi a wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam wom wɔ United States mu no, sɛnkyerɛwfo bi kaa asɛm yi faa Adansefo kuw no ho sɛ: “Mmarima no nyinaa ho twa na wɔhyehyɛ soro ne fam ntade bobɔ tae. Mmea no ahosiesie nyɛ kyenkyerenn, nanso wɔn ho ayɛ fɛ.” Obi foforo a ɔhwɛɛ wɔn, a ɔyɛ ɔwɛnfo no kae sɛ: “Mo suban yɛ fɛ, mubu ade, na mo ho tew. Nneɛma a mihu no yɛ fɛ. Moatumi ayi fĩ afi wiase a emu ayɛ fĩ yi mu!” Adanse pa bɛn ara na wodii wɔ yɛn ho sɛɛ yi! So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ wotumi kaa yɛn nuanom ho nsɛm pa saa? Nokwarem no, nnipakuw no mufo nyinaa nam ahosiesie pa so na ɛma wonyaa nkamfo no.

3 Wonim yɛn wɔ wiase nyinaa sɛ yɛn ahosiesie yɛ soronko koraa. (Mal. 3:18) Dɛn ntia? Efisɛ yedi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ese ‘yɛnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka yɛn ho, wɔ nnwuma pa a ɛsɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn mu’ no so.—1 Tim. 2:9, 10.

4 Dɛn na Wode Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Kyerɛ? Ntade a yɛhyɛ ne sɛnea yɛhyɛ no no ka biribi pɔtee fa yɛn ho—yɛn gyidi, yɛn su, ne adwene a yekura. Ɛtɔ mmere bi a yɛn nuanom mmabaa nkumaa no bi hyehyɛ ntade ntiantiaa anaa nea ɛkyekyere wɔn papee ma ɛbɛyɛ nea ɛnkyerɛ anidahɔ bere a wɔtra ase anaa wɔbɔ wɔn mu ase no. Afoforo hyɛ trɔɔs kɔ nhyiam a ɛte saa ase. Ntade ko a yɛhyɛ no kyerɛ nnipa ko a yɛyɛ ne nea yegyina hɔ ma. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ adwene ne abrabɔ a ɛmfata a wiase no kyerɛ ho anigye kɛse no ho nkuran da. Ɛnyɛ nea ehia yɛn titiriw ne sɛnea nnipa pii ani gye atade bi ho na mmom sɛ ebia ɛfata ma obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo no. (Rom. 12:2) Sɛ anka yɛbɛpaw atade a ɛda ahofadi honhom anaa ɔbrasɛe bi adi no, yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ ‘yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam’ ampa.—1 Pet. 2:12.

5 Ɛtɔ mmere bi a, obi a ɔyɛ foforo, onni suahu, anaa ɔyɛ mmerɛw wɔ honhom fam no betumi agye atade ne ahosiesie biara a wiase no hyɛ ho nkuran atom a onni kan nsusuw adwene a ɛma wonya wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde ho no ho. Yɛn nyinaa betumi ayɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu bi de ahwɛ sɛ ebia wiase no nsusuwii anya yɛn so nkɛntɛnso anaa. Yebetumi abɛn onuabarima anaa onuawa bi a wobu no na ne ho akokwaw wɔ honhom fam abisa no ma waka sɛnea ohu yɛn ntade ne ahosiesie ankasa ho asɛm akyerɛ yɛn na afei yɛasusuw nyansahyɛ ahorow a ɔde bɛma no ho anibere so.

6 Ebinom gye tom ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ sɛnea wosiesie wɔn ho no ho bere a wɔkɔ ɔmantam nhyiam no. Nanso wɔbrɛ wɔn gyinapɛn no ase wɔ ahomegye bere mu wɔ dwumadi no akyi. Kura gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛfata Kristofo asomfo mu. (2 Kor. 6:3, 4) Baabiara a yɛkɔ no, yɛn nhyiam baagye ne yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata no ma wohu yɛn sɛ Yehowa Adansefo. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn ntade yɛ nea ɛfata na ɛkyerɛ sɛ ‘yɛnyɛ wiase no fã.’—Yoh. 15:19.

7 Momma yɛn nyinaa nyɛ nea yebetumi wɔ afe yi “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam ase mfa nkyerɛ sɛ ‘yɛyɛ ɔman kronkron ma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’ Yɛn ho adwempa a afoforo benya no bɛma Yehowa ‘ayeyi, ne din ne n’anuonyam’ ayɛ kɛse.—Deut. 26:19.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Sɛnea Yɛbɛhyɛ Yehowa Anuonyam:

■ Siesie wo ho sɛnea ɛfata Onyankopɔn somfo.

■ Kwati ntade a ɛda wiase honhom adi.

■ Fa nwura to nwura adaka mu bere nyinaa, na mfa nto fam da.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena