Nkaebɔ Ahorow
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ asram a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae horow a ehia na ama wɔatumi akɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ ɔmantam nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Ahenni Som mu a ebetumi afata mo hɔnom tebea no mu. Wɔ February ɔsram mu no, wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam nhyehyɛe biako de atĩ ɔmantam nhyiam no nsɛntitiriw mu. Yɛn nyinaa betumi akyerɛkyerɛw nneɛma bi a mfaso wɔ so wɔ nhyiam no ase, a nea ɛka ho ne nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn ankasa asetram ne asɛnka mu no, de asiesie yɛn ho ama nkɔmmɔbɔ no. Afei yebetumi akyerɛkyerɛ sɛnea yɛde saa nyansahyɛ ahorow no adi dwuma fi bere a yɛkɔɔ nhyiam no mu. Ɛbɛyɛ denhyɛ kɛse sɛ yɛbɛte sɛnea yenyaa nkyerɛkyerɛ pa a yɛn nsa kae no so mfaso.
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ ofiewura no wɔ eyinom bi dedaw a, mubetumi de nhoma dedaw bi ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Mubetumi de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, The Bible—God’s Word or Man’s?, anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nso ama. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na afe 1988 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wɔwɔ Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ no betumi de ama.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra afe 2002 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! “bound volume” ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Wubenya “bound volume” ahorow no bi wɔ Engiresi kasa mu. “Bound volume” yɛ nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo.
◼ Ɛsɛ sɛ wotua ntoboa ahorow a wɔde “check” yi wɔ amantam nhyiam ahorow ase ne nea wɔde kɔma Ghana baa dwumadibea no ma “Watch Tower.” Baa dwumadibea no address ne Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, P. O. Box GP 760, Accra.