Asɛmmisa afã
◼ Mfaso ahorow bɛn na ɛwom sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ asafo a yɛte n’asasesin mu no mu?
Ɛdenam asafo no nhyehyɛe so no, yɛn nsa ka nkuranhyɛ ‘a ɛma yɛtwetwe yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Yɛnam asafo no so na esua nokware no na wosiesie yɛn ma yɛyɛ yɛn asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) Wɔhyɛ yɛn den nso ma yɛde nokwaredi gyina sɔhwɛ ahorow ano na wɔma yɛn ahwɛfo a wɔwɔ dɔ a wɔbɛboa yɛn ma yɛagyina nhyɛso ne dadwen a emu yɛ den ano. Ɛda adi pefee sɛ, asafo no ho hia na ama yɛadi yiye wɔ honhom fam. Nanso, so mfaso bi wom sɛ yɛbɛkɔ nhyiam wɔ asafo a yɛte n’asasesin mu no mu?
Ankorankoro tebea gu ahorow, na nneɛma te sɛ adwuma, ɔhokafo a onnye nni, ne kar ho nhyehyɛe betumi aka gyinae a obi besi awiei koraa wɔ eyi mu no. Nanso, mfaso ankasa wom, honhom fam mfaso ne mfaso afoforo bere a obi ne asafo a ɔte n’asasesin mu bɔ no. Mpanyimfo no betumi ahu adawurubɔfo no nyinaa ntɛm bere a tebea bi a egye ntɛmpɛ asɔre no.—Hwɛ October 2001 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1.
Mpɛn pii no, eye paa sɛ yɛbɛkɔ nhyiam a ɛbɛn yɛn no na ama yɛadu hɔ ntɛm ne afoforo abɔ nkɔmmɔ, adi nneɛma a ɛho hia ho dwuma, na yɛanya dwom ne mpaebɔ a wɔde fi ase no mu kyɛfa. Sɛ ebinom kyerɛ anigye foforo wɔ yɛn mpɔtam hɔ a, ɛtaa yɛ yiye kɛse sɛ yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn ne wɔn akɔyɛ Bible adesua, na yɛakyerɛ wɔn kwan akɔ asafo nhyiam a ɛwɔ beae a sɛ wɔrekɔ a wɔmmrɛ koraa no.
Yɛwɔ awerɛhyem sɛ mmusua ti de mpaebɔ besusuw asɛm yi ho, na wɔasusuw tebea a ɛfa ho nyinaa ho, na wɔde ahu nea eye sen biara ma wɔn mmusua honhom ne honam fam yiyedi.—1 Tim. 5:8.