Asɛmmisa Afã
◼ Ntadehyɛ ne ahosiesie ho gyinapɛn bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so bere a yɛrekɔsra Betel afie ne baa dwumadibea ahorow no?
Sɛ yɛkɔsra Betel, sɛ ebia yɛkɔhwɛ hɔ anaa yɛkɔsra Betel abusua no mufo no, “ɛsɛ sɛ yɛn ntade, ahosiesie ne abrabɔ yɛ te sɛ nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho bere a yɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no.” (om-TW 131) Nanso, wɔahyɛ no nsow sɛ, sɛ anuanom mmarima ne mmea bi kɔsrasra baa dwumadibea a, wɔntaa nsiesie wɔn ho yiye koraa. Eyi mfata bere a yɛkɔsra mmeae yi. Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie yɛ nea ɛsɛ, ɛfata, a ɛkyerɛ suban pa ne nidi a ɛsɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo.—1 Tim. 2:9, 10.
Eyi ho hia titiriw bere a yɛkɔsra Betel afie ne baa dwumadibea ahorow no, efisɛ nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo hwɛ yɛn. Saafo no betumi de adwene a wonya wɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne n’ahyehyɛde ho no agyina nea wohu wɔ yɛn ho no so. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛne yɛn Bible adesuafo ne afoforo a ebia wɔbɛkɔ hɔ no kasa na yɛkae wɔn sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani ku wɔn ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie ho. Betel abusua no ani bɛsɔ eyi a wobɛyɛ no.
Sɛ Kristofo asomfo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ahosiesie anto obiara hintidua. (2 Kor. 6:3, 4) Mmom no, ɛmmra sɛ bere nyinaa no yɛnam yɛn ahosiesie pa so ‘bɛhyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ anuonyam wɔ ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.