Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 10
Dwom 5
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de.
15 min: Nya 2003 Yearbook no so mfaso. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw “2002 Nkabom Nyinaa” a ɛwɔ kratafa 31 no ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ma anuanom kakra nka amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a wosusuw sɛ ɛhyɛ nkuran titiriw na ɛhyɛ gyidi den ho asɛm. Ka wiase nyinaa amanneɛbɔ no mu nsɛntitiriw ho asɛm. Hyɛ mmusua nkuran ma wɔnkenkan nhoma no nyinaa nkakrankakra wɔ afe no mu. Kyerɛ akwan a yebetumi afa so de nhoma no akyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu na yɛnam so ahyɛ wɔn nkuran ma wɔaba asafo nhyiam ahorow.
20 min: “Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!”a (Nkyekyɛm 1-12) Sɛ mususuw nkyekyɛm 6 ho wie a, yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi a ɔdawurubɔfo bi de kratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no redi dwuma de ato nsa afrɛ obusuani, ofipamfo, yɔnko sukuuni, anaa yɔnko dwumayɛni aba Nkaedi no ase. Sɛ munnya nkyekyɛɛ Nkaedi nkratasin no mmaa adawurubɔfo dedaw a, ɛsɛ sɛ mode ma wɔ asafo nhyiam a edi hɔ ase.
Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 17
Dwom 34
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Paw W’ayɔnkofo Nyansam. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina February 22, 1997, Engiresi Nyan! kratafa 13, ne Reasoning nhoma no kratafa 189 asɛmti “Bad Associations” (“Fekubɔne”) ase so. Kyerɛ sɛnea nnyinasosɛm ahorow no fa mmabun ne mpanyin nyinaa ho. Si mfaso horow a ɛwɔ wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔda no adi sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbata ne gyinapɛn ahorow ho a yɛbɛfa wɔn nnamfo so no so dua.
20 min: “Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!”b (Nkyekyɛm 13-26) Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 14 ho a, ma ɔpanyin bi nyɛ nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran a ɔkɔsra onua bi a yare anaa onyin ama wayɛ mmerɛw honam mu, na ɔpanyin no fi ayamye mu kyerɛkyerɛ sɛnea onua no betumi anya adwuma kɛse a asafo no bɛyɛ wɔ Nkaedi bere mu no mu kyɛfa ho ɔyɛkyerɛ tiawa bi.
Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 24
Dwom 48
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Nyan! no bɛma.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Yehowa Adansefo—Wɔn So Wɔ Mfaso Ma Ɔmanfo. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛtɔ mmere bi a yenya hokwan sɛ yɛbɛkyerɛ sɛnea ɔmanfo nya yɛn asɛnka adwuma ne yɛn nhwɛso so mfaso no mu. Ma atiefo nka biribi mfa nsɛm a edidi so yi ho: (1) Yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔde Bible mu abrabɔ ho gyinapɛn ahorow bɔ wɔn bra. (2) Yɛkyerɛkyerɛ nokwaredi ne obu ma tumidi ho ade. (3) Yɛkyerɛkyerɛ asomdwoe a ɛsɛ sɛ ɛda mmusuakuw, nnipa a wofi aman horow so, ne asetram gyinabea horow ntam ho ade. (4) Yɛboa afoforo ma wɔma wɔn abusua asetra tu mpɔn denam Bible a yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde di dwuma so. (5) Yɛakyerɛkyerɛ nnipa mpempem pii ma wɔahu akenkan ne akyerɛw. (6) Yɛbɔ mmɔden boa afoforo bere a asiane ato wɔn. (7) Yɛadi akoten wɔ nyamesom mu ahofadi a nnipa nyinaa nya so mfaso no hwehwɛ mu.—Hwɛ Proclaimers nhoma no, kratafa 699.
Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 31
Dwom 130
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn nyinaa ma wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma April ho asɛm. Munsusuw “Fa Som Nyankopɔn Nhoma no Yɛ Bible Adesua Ahorow” ho. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” no mu nsɛntitiriw ho asɛm.
13 min: Asafo mu suahu ahorow. Ma asafo no nka osuahu ahorow a wonyae wɔ adwuma kɛse a wɔyɛe wɔ March mu no nkyerɛ. Kamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu kɛse sɛnea wɔn nsɛm tebea bɛma wɔn kwan wɔ April mu.
20 min: “Yehowa Fata Ayeyi Kɛse.”c Si sɛnea Nkaedi no hia so dua. Kyerɛ sɛnea yɛn nyinaa betumi aboa afoforo ma wɔaba ase. Kyerɛ nea yebetumi ayɛ ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw adi nkitaho de akanyan wɔn anigye. Ma atiefo nka osuahu biara a ɛyɛ anigye a wonyae wɔ afe a etwaam no afahyɛ no mu nkyerɛ.
Dwom 173 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 7
Dwom 191
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Sɛnea Wofi Kyerɛwnsɛm Mu Susuw Nsɛm Ho. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ne nkurɔfo asusuw nsɛm ho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu? (1) Fa kokoam adesua ne asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ daa so nya Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a edi mu. (2) Dwennwen nea wusua no ho, na fa akwan horow so hwehwɛ nokware no. (3) Nhwehwɛ kyerɛw nsɛm ho nkyerɛkyerɛmu nko na mmom fa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm nso ka ho. (4) Susuw sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm mu akyerɛ nnipa ahorow nyinaa ho. (5) Susuw sɛnea wubetumi ayɛ nsɛm bi ho mfatoho ho.
20 min: “Sɛnea Nokware no Ma Yɛde Yɛn Ho.”d Fa adaka a ɛwɔ October 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 6 no mu nsɛm ka ho. Ma atiefo nka sɛnea Onyankopɔn Asɛm mu nokware ahorow no ama wɔade wɔn ho ho asɛm.
Dwom 217 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.