Yehowa Fata Ayeyi Kɛse
Yɛbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no Ho Fã Wɔ April 16
1 Akwanhwɛ yɛ kɛse bere a yɛbɛn April 16, 2003 no. Saa anadwo no, yɛbɛkae Yesu wu no, na yɛbɛka mfɛfo asomfo ɔpepem pii ho wɔ wiase nyinaa ahyɛ Yehowa din anuonyam. Yehowa fata yɛn ayeyi biara wɔ agyede ho nsiesiei nwonwaso no ho. Ɔnam so behwie nhyira a ɛkyɛn so agu adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa so. Yefi koma nyinaa mu ne odwontofo no teɛm sɛ: “[Yehowa, NW] sõ, na ɔsɛ ayeyi kɛse.”—Dw. 145:3.
2 Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn papayɛ ho na yɛda Yehowa ase sɛ ɔsomaa “ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.” (1 Yoh. 4:9, 10) Osetie mu a yebefi ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no ma yenya komam anisɔ sɛ ‘Yehowa yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, na n’adɔe dɔɔso.’ (Dw. 145:8) Nokwarem no, agyede no yɛ Yehowa dɔ kɛse a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ adesamma nyinaa. (Yoh. 3:16) Sɛ yesusuw Onyankopɔn dɔ ne nokwaredi a Yesu de kuraa ne mudi mu no ho a, ɛka yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ. Yebeyi no ayɛ daa daa wɔ ne dɔ a enni ano a wada no adi a ɛbɛma yɛatumi anya daa nkwa no ho.—Dw. 145:1, 2.
3 Boa Afoforo Ma Wonyi Yehowa Ayɛ: Anisɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn akyɛde a ɛkyɛn so a ɛne agyede no ka yɛn ma yɛto nsa frɛ afoforo sɛ wɔmmɛka yɛn ho ma yenyi Yehowa ayɛ. Honhom kaa odwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae, na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom.” (Dw. 145:7) Afe a etwaam no nkutoo no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa. Dɛn na efii wɔn mmɔdenbɔ no mu bae? Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔɔ nnipa bɛboro 5,100 asu dapɛn biara de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Nnipa dodow 15,597,746 a wɔbaa Nkaedi no ase, a emu bɛboro ɔpepem 9 na wonnya mfii ase nyii Yehowa ayɛ sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo no, da no adi sɛ yebetumi anya nkɔanim bio! Sɛ́ Ahenni adawurubɔfo no, yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya de reka asɛmpa no de adan afoforo koma aba Yehowa, ne Ba no, ne Ahenni no so no.
4 Ɔkwampa a yebetumi afa so ahyɛ afoforo nkuran ma wɔayi Yehowa ayɛ ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka yɛn ho wɔ Awurade Anwummeduan ho afahyɛ no ase. So woakyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn ne afoforo a ebia ebehia sɛ wokae wɔn da ne dɔn ko no nyinaa din? So woato nsa afrɛ wɔn a woakyerɛw wɔn din no nyinaa? Sɛ wonyɛɛ saa a, bɔ mmɔden sɛ wode bere a aka no bɛyɛ saa. Boa wɔn ma wonhu atirimpɔw a ɛwɔ afahyɛ no mu. Wɔ afahyɛ no ase no, hwɛ hu sɛ wubekyia nsrahwɛfo no. Ma wɔn ani nnye, fa wɔn kyerɛ afoforo, na kamfo wɔn sɛ wotumi bae.
5 Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no ba Nkaedi no a, ebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔanya honhom fam nkɔso. Bible suani bi a ɔwɔ amanehunu akyi adwennwen ho haw, a ɛma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkɔ nnipadɔm mu no, baa Nkaedi no ase. Bere a wobisaa no adwene a onyae wɔ nhyiam no ho no, ɔkae sɛ: “Na ɛyɛ anadwo kronkron ankasa, na na mewɔ hɔ.” Efi saa bere no, wafi ase rekɔ nhyiam ahorow.
6 Wɔ Nkaedi no Akyi: Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa anigyefo yi ma wɔabɛyɛ nnipa a woyi Yehowa ayɛ? Mpanyimfo no de adwene besi wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba Nkaedi no so, na wɔayɛ nhyehyɛe ama adawurubɔfo a wɔfata akɔsra wɔn ntɛm ara ne wɔn asusuw nneɛma pa a wosuae na wɔtee no ho. Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔne wɔn yɛ ofie Bible adesua. Ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn nso ma wɔba asafo nhyiam ahorow nyinaa dapɛn biara, efisɛ ɛno a wɔbɛba daa no betumi ama wɔn Bible mu nimdeɛ ayɛ kɛse.
7 Yɛreyɛ nhyehyɛe de ahyɛ wɔn a wɔtoto asɛnka mu ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nyinaa nkuran ma wɔakɔ nhyiam ahorow daa. Sɛ mpanyimfo no ka kyerɛ wo sɛ boa obi a wayɛ mmerɛw ma ɔnsan nnya asɛnka adwuma mu kyɛfa bio a, yɛ krado sɛ wobɛboa. Ɔdɔ mu a yebefi asusuw yɛn nuanom ho saa no ne ɔsomafo Paulo afotu yi hyia sɛ: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Gal. 6:10.
8 Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛbɔ mmɔden kɛse akɔ Nkaedi no wɔ April 16. Yɛrempɛ sɛ bere kronkron a ɛsen biara a yɛde beyi Yehowa ayɛ yi bɛpa yɛn ti so. Yiw, momma yenyi Yehowa ayɛ wɔ ne nnwuma akɛse ho ɛnnɛ ne daa nyinaa!—Dw. 145:21.