Krataa a Efi Baa Dwumadibea
Ahenni Adawurubɔfo Pa:
“Onyankopɔn na ɔma enyinii.” (1 Kor. 3:6) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yehu nkɔso a aba wɔ Ghana asasesin no mu! Wɔ 2003 ɔsom afe no mu no, wofii Bible adesua foforo bɛboro 30,000 ase! Eyi fata nkamfo.
Beae biako a Yehowa ahyira yɛn adwuma no so ne afiase. Wɔatew kuw ahorow wɔ afiase ahorow 12 mu wɔ ɔman no nyinaa mu. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nneduafo pii resua Bible no. Ebinom afata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Obiako resiesie ne ho ama asubɔ.
Nea ɛbɛyɛ na yɛama nnipa a wɔredɔɔso wɔ wiase nyinaa yi nhoma no, yɛretrɛw nhomatintimbea a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Mfuw a ɛbɛn Wallkill, New York no mu. Yɛrenya nkɔso yiye, na yɛde asase no hekta 1.4 reka ho. Asase yi betumi afa Ahenni Asa ahorow a n’akɛse fata 30! Wɔayɛ nhyehyɛe ma wɔde nhomatintim mfiri akɛse abien a aba foforo no reba Wallkill wɔ 2004 afe no mfiase. Afiri no mu biara betumi atintim nsɛmma nhoma 25 wɔ anibu biako ntam. Wɔde afiri foforo a wɔde keka nhoma bom ne nea wɔde mena nneɛma bɛba hɔ wɔ afe 2004 mu. Yɛkamfo mo anuanom wɔ adwuma pa a moreyɛ wɔ asasesin no mu no ho.
Bere a yefi 2004 ɔsom afe no ase no, yɛbɔ mpae sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn na ‘akɔ so anyin.’
Mo nuanom,
Ghana Baa Dwumadibea