Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/04 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase September 13
  • Dapɛn a Efi Ase September 20
  • Dapɛn a Efi Ase September 27
  • Dapɛn a Efi Ase October 4
Yɛn Ahenni Som—2004
km 9/04 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase September 13

Dwom 43

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde September 1 Ɔwɛn-Aban ne September 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea wɔredi ɔkyerɛkyerɛni bi adanse.

15 min: “Ma W’ani Nhwɛ Tẽẽ.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Si kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so nanso emu nsɛm nnim no so dua sɛnea bere bɛma kwan.

18 min: Wɔyɛ Yɛn Nneyɛe Pa no Ho Adansefo. (1 Pet. 2:12) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina November 1, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12-14, nkyekyɛm 14-20 so. Ma atiefo nka sɛnea yɛn nneyɛe pa no aka nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no ho asɛm.

Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 20

Dwom 88

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ krataa a efi baa dwumadibea a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa a edi kan no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkenkan Numeri 16:1-35, na afei wɔnhwɛ Respect Jehovah’s Authority video no mfa nsiesie wɔn ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ no October 4 dapɛn no mu no.

15 min: Dɛn na Yetumi Yɛe Wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asafo no ɔsom akontaabu ma 2004 ɔsom afe no so. Twe adwene si afã a wɔbɔɔ ho mmɔden na kamfo asafo no wɔ adwuma pa a wotumi yɛe no ho. Ka adwumaden a akwampaefo no yɛe no ho asɛm. Kyerɛ ɔfã biako anaa abien bi a asafo no betumi ayere wɔn ho ayɛ ho adwuma wɔ afe a ɛda yɛn anim no mu.

20 min: Momma Yenkura Nnwuma Pa Mu. (Gal. 6:10) Bisabisa nnipa baanu anaa baasa bi a wɔyɛ daa akwampaefo anaa wɔn a bere ne bere mu wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi nsɛm. Akwanside ahorow bɛn na wɔahyia wɔ ɔsom a wɔde rema Yehowa no mu, na ɔkwan bɛn na wɔfa dii so? Dɛn na aboa wɔn ma wɔda so ara yɛ nnwuma pa ma afoforo? Ɔkwan bɛn so na mmɔden a wɔrebɔ wɔ Kristofo som adwuma no mu no so aba wɔn ankasa ne afoforo mfaso? Sɛ moayɛ nhyehyɛe wɔ mo asafo no mu na ama moatumi de asɛmpa no akɔ wɔn a ɛsono wɔn kasa nkyɛn a, ma wɔnka ho asɛm. Kamfo wɔn nyinaa wɔ ‘wɔn nokwaredi, wɔn mmɔdemmɔ ne boasetɔ a wɔde yɛ adwuma no ho’.—1 Tes. 1:2, 3.

Dwom 103 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 27

Dwom 221

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn September asɛnka akontaabu mma. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 4 hɔ no fata mo asasesin no a, fa yɛ sɛnea wɔde September 15 Ɔwɛn-Aban ne September 22 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo so ayɛ ɔyɛkyerɛ no. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biara akyi no, si emu asɛm a ɛhyɛ nkuran no so dua tiawa.

10 min: Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa. Ɔkasa. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya dapɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu so mfaso kɛse no, nsɛm a ɛba ntoatoaso a wɔato din “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa” no afi ase wɔ Ɔwɛn-Aban no bi mu. Twe adwene si afã ahorow a ɛwɔ September 15, 2004 Ɔwɛn Aban kratafa 24-7 mu nsɛm no so. Bere a wɔabɔ Bible nhoma no mu nsɛm nyinaa mua awie no, ɔfã a ɛne “Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua” no kyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm bi a asete yɛ den no mu. Asɛm a ɛwɔ “Asuade a Ɛwom ma Yɛn” ase no ma yehu mfaso kɛse a ɛwɔ nsɛm a yɛkenkan no so. Munsusuw nhwɛso pɔtẽẽ bi ho mfa nkyerɛ sɛnea nsɛm a ɛba ntoatoaso yi bɛboa yɛn ama yɛate Onyankopɔn Asɛm ase kɛse. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsiesie foforo yi nni dwuma yiye bere a yɛrefi ase akenkan Deuteronomium nhoma no wɔ dapɛn a edi hɔ mu no.

20 min: “Fa Bible no Di Dwuma Yiye.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Fa wo nnianim nsɛm no gyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 145, nkyekyɛm 2-3 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien, biako yɛ nsrahwɛ a edi kan, ɛna biako nso yɛ sankɔhwɛ a ɛrekyerɛ sɛnea wɔde nyansahyɛ a wɔde ama no bedi dwuma.

Dwom 38 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 4

Dwom 5

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: Fa Nokware no Dua Wo Mma Mu. Ɔkasa a egyina Abusua Mu Anigye nhoma no kratafa 55-9 so. Kyerɛkyerɛ akwan anan a awofo betumi afa so aboa wɔn mma ama wɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den mu. Ma wonhu sɛnea wobetumi de nsɛm no adi dwuma. Hyɛ awofo nkuran na wɔne wɔn anksa mma nsua ade.

20 min: “Ɛsɛ sɛ Yenya Obu Ma Yehowa Tumidi.” Kenkan Yuda 11, na mma wo nnianim nsɛm no mmoro simma abien. Afei fa atiefo nkɔmmɔbɔ toa so ntɛm ara na momfa nsusuw nsɛmmisa a wɔde ama wɔ asɛm no mu nyinaa ho. Si so dua sɛ, sɛ yɛbɛkɔ so anya Yehowa anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛkwati Kora atuatew su no na yesuasua ne mma mmarima no a wɔmaa nokware a wobedi ama Yehowa dii biribiara kan no.

Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena