Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛkyekyɛ Nhomawa Foforo No
1 Tebea a ɛwɔ wiase nnɛ no haw nnipa pii, nanso wɔn mu kakraa bi na wonim nea enti a nneɛma te saa, nea ɛbɛba daakye, ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de nya wɔn ti didi mu wɔ atemmu a ɛreba no mu. (Hes. 9: 4) Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa wɔn ama wɔahu nea yɛn bere yi kyerɛ no, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw de akyekyɛ nhomawa foforo, Monkɔ so Nwɛn! afi Dwoda, February 21, akosi Yawda, March 20.
2 Yebetumi de nhomawa no ama bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka, sankɔhwɛ, bɔnnɔ so adansedi anaa bere a yɛredi adanse wɔ mmɔnten so no. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛde Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no ma obiara kɛkɛ. Mmom no, yɛde nhomawa no bɛma wɔn a wɔn ani gye nea Bible ka fa wiase nsɛm a ɛresisi ho no nkutoo. Yebetumi de kratawa mmom ama wɔn a wɔnkyerɛ asɛm no ho anigye kɛse no.
3 Wubetumi ama obi atie wo denam eyi a wobɛka so:
◼ “Ɔhaw akɛse ne ahude a abu so nnɛ no haw nnipa pii. [Ma ɛho nhwɛso a wonim wɔ mpɔtam hɔ.] Wunim sɛ wɔhyɛɛ nneɛma a ɛtete saa ho nkɔm wɔ Bible mu? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan kyerɛwsɛm bi a ɛne nhwɛso a wode mae no kɔ, te sɛ Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:7, 10, 11; anaa 2 Timoteo 3:1-5.] Bible no ma yehu nea yɛn bere yi kyerɛ ne nea ɛbɛto adesamma daakye. Wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii anaa? [Twɛn ma ommua. Sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye ampa a, fa nhomawa no ma no.] Yɛde nhomawa yi ma a ɛbo biara nna so. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa kakra de boa yɛn wiase nyinaa adwuma no a, yɛde anigye begye.”
4 Anaa ebia saa kwan yi bɛfata ama wo:
◼ “Ahude a ɛrekɔ so wɔ wiase anaa awerɛhosɛm a ɛretoto ebinom no ama nnipa pii ho hiahia wɔn nnɛ. Ebinom nte nea enti a Onyankopɔn mfa ne ho nnye nsɛm mu nsiw nneɛma a ɛtete saa ano no ase. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn begye adesamma afi amanehunu mu. Hyɛ nhyira a Onyankopɔn de bɛbrɛ adesamma no nsow. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii anaa?” Fa nkɔmmɔbɔ no bra awiei sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no.
5 Bɔ mmɔden gye obiara a obegye nhomawa no bi no din ne n’address, na yɛ nhyehyɛe san kɔ ne nkyɛn kɔboa no. Nyansahyɛ a ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi aboa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no bɛba March 2005 Yɛn Ahenni Som no mu. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye kɛse wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi de Monkɔ so Nwɛn! anaa nhoma foforo te sɛ Ahwehwɛde nhomawa no afi Bible adesua ase amonom hɔ ara.
6 Mubenya nhomawa foforo yi bi bere moasusuw asɛm yi ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase awie no. Yɛhyɛ nyansa sɛ, mfiase no, adawurubɔfo ne akwampaefo nnye kakra a wobetumi de ama wɔ ɔsatu no nna kakra a edi anim no mu. Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa behyira dwumadi titiriw yi so na ahyɛ no anuonyam ama nnipa komapafo a wɔwɔ baabiara no nso anya so mfaso.—Dw. 90:17.