Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ February 28, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ January 3 kosi February 28, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn kasa ayɛ nea ntease wom kɛse? [be-TW kr. 226 nky. 1–kr. 227 nky. 2]
2. Nsɛm bɛn na ebehia nkyerɛkyerɛmu pii? [be-TW kr. 227 nky. 3–kr. 228 nky. 1]
3. Ɔkwan bɛn na yɛfa so a ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛm no ma atiefo ate aba a ɛwom no ase yiye? [be-TW kr. 231 nky. 1-3]
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn atiefo afa aba afi kyerɛwsɛm bi a wonim dedaw a yɛkenkan no mu? [be-TW kr. 231 nky. 4-5]
5. Sɛ yɛhyɛ yɛn atiefo nkuran ma wɔde wɔn adwene si Bible mu asɛm bi a wonim dedaw no mu nsɛntitiriw bi so a, dɛn na ebetumi afi mu aba? [be-TW kr. 232 nky. 2-4]
DWUMADI 1
6. Dɛn na kyerɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ ‘wonsuro Onyankopɔn na wonni ne mmara nsɛm so’ no kyerɛ? (Ɔsɛnk. 12:13) [be-TW kr. 272 nky. 3–kr. 273 nky. 1]
7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atwe adwene asi onii ko a Yehowa yɛ no so na ɛnyɛ ne din nkutoo so? (Yoel 2:32) [be-TW kr. 274 nky. 3-5]
8. Yesu ho nimdeɛ a yebenya na yɛadi ne ho adanse no ho hia dɛn? (Yoh. 17:3) [be-TW kr. 276 nky. 2]
9. Ɔkwan bɛn so na abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn benya ne ntease a yebenya wɔ Bible no mu no ne Yesu ho anisɔ a yɛbɛkyerɛ no wɔ abusuabɔ tẽẽ? [be-TW kr. 276 nky. 2]
10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yegye di ampa sɛ Yesu Kristo yɛ Ɔhene? [be-TW kr. 277 nky. 4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. So na Abraham papa, Tera som ahoni? (Yos. 24:2)
12. So na Gideon nni akokoduru a ɔde bɛyɛ adwuma a Yehowa de maa no no? Dɛn nti na wubua saa? (Atem. 6:25-27)
13. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Gideon faa so kasa kyerɛɛ Efraim abusua no mu? (Atem. 8:1-3)
14. Dɛn na ahɔhoyɛ su a Gibeafo ampɛ sɛ wɔda no adi no kyerɛe? (Atem. 19:14, 15)
15. Sɛ na “obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so” a, so na ɛde basabasayɛ ba? (Atem. 21:25)