Nhyehyɛe Foforo a Ɛbɛboa Ma Yɛatwe Yɛn Ho Afi Mogya Ho
Sodikuw no apene ma wɔde ayaresa ho tumi krataa (DPA) mu nsɛm a ehia paa no ne Advance Medical Directive/Release no rebom ayɛ no mmara kwan so tumi krataa biako a yɛbɛfrɛ no DPA kratasin. Wɔayɛ DPA kratasin foforo ama ɔman yi.
Ebehia sɛ wohyehyɛ DPA kratasin biako pɛ. Wubetumi de DPA kratasin no adi dwuma wɔ baabiara a wobɛkɔ wɔ Ghana, na ɛrentwam da. Sɛ wutu kwan kɔ ɔman foforo so a, kratasin yi ara na ɛbɛkyerɛ nea wopɛ sɛ wɔyɛ ma wo. Sɛ daakye wobɛhyehyɛ DPA kratasin no foforo a, gye sɛ (1) ɛho abehia sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ wo DPA kratasin no so, te sɛ nsakrae wɔ nea wopɛ mu, ayaresa ho akasamafo, address ne telefon nɔma anaa (2) wo DPA kratasin no ayera anaasɛ asɛe.
Ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase de mpaebɔ hyehyɛ DPA kratasin no wɔ fie. Nanso ansa na wode wo nsa bɛhyɛ ase no, ehia sɛ wohwɛ hu sɛ woadi ɛho mmara so pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔakyerɛw wɔ wo kratasin no so sɛ ɛsɛ sɛ wode wo nsa hyɛ ase wɔ adansefo baanu anim a, ma wonnyina hɔ nhwɛ ansa na woayɛ saa. Bere ne bere mu no, Nhoma Adesua so ahwɛfo bɛhwɛ sɛ wɔbɛboa wɔn a ebia wɔnhyehyɛɛ kratasin foforo no ma wɔayɛ saa.
Ansa na wobɛbobɔw wo DPA kratasin a woahyehyɛ awie no, yɛ ne photocopy a edi mu, na fa bi ma w’ayaresa ho nsɛm kasamafo, nea sɛ onni hɔ a obesi n’ananmu, wo duruyɛfo, na fa bi nso sie wo nkrataa a ehia wo mu. Wubetumi de bi ama w’abusuafo ne w’asafo mu kyerɛwfo. Ɛsɛ sɛ woyɛ photocopy a edi mu wɔ krataa a ɛfata so. Ɛsɛ sɛ wode DPA a wudii kan hyehyɛe a wohwɛɛ so yɛɛ bi no hyɛ wo ho.
Yɛnsesaa Identity Card a wɔakyerɛw 3/99 wɔ so a awofo a wɔyɛ Adansefo hyehyɛ ma wɔn mma a wɔmmɔɔ asu no. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ abofra biara kratasin yiye na wɔde wɔn nsa ahyɛ ase a abofra no betumi de ahyɛ ne ho bere biara a ɛfata mu.
Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu betumi asakra DPA kratasin ne Identity Card no mu nsɛm no bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛw wɔn ayaresa ho akwankyerɛ ama wɔne wɔn mma. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no ma adawurubɔfo a wɔbɛbɔ asu foforo wɔ afe no mu nyinaa DPA kratasin no bi.