Nneɛma a Ɛbɛboa Ma Yɛatwe Yɛn Ho Afi Mogya Ho
Ɛho renhia sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔahyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” kratasin anaasɛ “Identity Card” a date anaasɛ 3/99 nni so no hyehyɛ foforo afe yi. Wɔ December 29 Ɔsom Nhyiam dapɛn no mu no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no nya nkratasin a ɛbɛso adawurubɔfo a wɔabɔ asu foforo, wɔn mma, ne wɔn a wohia foforo no ma wɔn. Wɔremfa nneɛma yi mmena asafo biara. Sɛ asafo no nni kratasin a ɛbɛso a, ɔkyerɛwfo no betumi akohu asafo a ɛbemmɛn no anaasɛ ɔde krataa a wɔn asafo no de bɛkra wɔn nneɛma a edi hɔ no bɛkra nkratasin no bi.
Ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye hyehyɛ nkratasin no wɔ fie nanso ƐNSƐ SƐ wɔde wɔn nsa hyɛ ase. Wɔ Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ ase no, ɛsɛ sɛ nhoma adesua sohwɛfo no boa ma wɔde wɔn nsa hyɛ nkratasin no ase di ho adanse, na wɔkyerɛw date gu so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobedi ho adanse no de wɔn aniwa hu sɛ wɔn a wɔahyehyɛ nkratasin de wɔn nsa rehyɛ ase.
Ɛho renhia sɛ adawurubɔfo hyehyɛ ayaresa ho tumi krataa (DPA) no foforo gye sɛ (1) wɔhyehyɛe ansa na 1/2001 reba, (2) ɛne nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn mprempren no nhyia, (3) wɔatu akɔtra ɔman foforo mu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no nya DPA ne “Advance Directive Guide” a ɛbɛso nso.
Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu betumi ayi “Advance Medical Directive/Release” kratasin, “Identity Card,” ne DPA krataa no mu nsɛm no bi de akyerɛw bi ama wɔne wɔn mma.