Boa Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa No
1. Henanom na Yehowa reboaboa wɔn ano aba ne nkyɛn?
1 Obiara wɔ su a agye ntini wɔ ne komam. (Mat. 12:35) Bible ka obi a “ɔko wɔ ne komam” ho asɛm. (Dw. 55:21) Ebinom yɛ ‘abufufafo.’ (Mmeb. 29:22) Nanso afoforo nso wɔ “koma pa a ɛbɛma wɔanya daa nkwa.” (Aso. 13:48, NW) Wɔ yɛn bere yi mu no, Yehowa reboaboa wɔn a wɔwɔ koma pa no ano aba ne nkyɛn. (Hag. 2:7) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so aboa wɔn ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo?
2. Dɛn na ɛka yɛn asuafoyɛ adwuma no ho?
2 Fa Adwempa Yɛ Sankɔhwɛ: Adwempa a yebenya wɔ sankɔhwɛ ho no ho hia na yɛayɛ yɛn asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) So yɛsan kɔ anigyefo a yenya wɔn no nkyɛn ntɛm? So yɛsan kɔ wɔn a wogyee nhoma anaa wɔkyerɛ asɛmpa no ho anigye no nkyɛn? So yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkɔso abɛsom Onyankopɔn? Esiane sɛ nkwa ho asɛm wom nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa anigyefo a yenya wɔn no nyinaa.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛne obi abɔ nkɔmmɔ wɔ asɛnka mu no?
3 Bere a woda so kae nkɔmmɔ bi a wo ne onigyeni bi bɔe no, kyerɛw ne din ne n’address to hɔ. Kyerɛw asɛm a mususuw ho, kyerɛw nsɛm biara a mokenkanee, ne nhoma a wode mae no. Ɛno akyi no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛsan akɔ hɔ ntɛm ara.
4. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so atumi ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn?
4 Sɛnea Wobɛyɛ Sankɔhwɛ: Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, ɛyɛ papa sɛ wobɛtew w’anim na woakyerɛ ofiewura no ho anigye. Ma nkɔmmɔbɔ no nyɛ mmerɛw, na ka Kyerɛwnsɛm mu asɛm. Siesie Bible mu asɛm a ɛkanyan anigye a mubesusuw ho, na sɛ wuwie nsrahwɛ no a, bisa asɛm bi a mubetumi abua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Ɛho nhia sɛ wubebua asɛm biara a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia a ebia ofiewura no bɛka no. Bɔ mmɔden sɛ wubegyina nsɛm a mo adwene hyia wɔ ho no so akyerɛkyerɛ no nneɛma pii.—Kol. 4:6.
5. Mmɔden bɛn na ɔkwampaefo bi bɔe, na dɛn na efii mu bae?
5 Sankɔhwɛyɛ gye mmɔdenbɔ, nanso mfaso a ɛwɔ so no ma yenya akomatɔyam. Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Japan de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ sankɔhwɛ pii ɔsram biara. Ofii ase yɛɛ wɔn a ɔtoo wɔn wɔ fie nyinaa ho kyerɛwtohɔ, na afei ɔsan kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ dapɛn biako ntam. Osiesiee asɛm a ɔbɛka no yiye na ɔde ahotoso a na ɔwɔ wɔ nea ɔka no mu koraa no yɛɛ n’asɛnka adwuma no. Wɔ ne sankɔhwɛ biako mu no, otumi ne obi a ɔkae sɛ “mintiee mo asɛm no bi da” fii adesua ase. Ɔkwampaefo no mmɔdenbɔ a efi ɔdɔ mu no sow aba. Eduu ɔsram no awiei no, na wayɛ Bible adesua du.
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ sankɔhwɛ?
6 Nnipa asetram nsɛm twam anaasɛ ɛsakra bere nyinaa. (1 Kor. 7:31) Ɛhwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden mpɛn pii na yɛatumi asan ato onigyeni wɔ fie. Bere a yɛde adwempa yɛ sankɔhwɛ no, yebetumi aboa wɔn a wɔwɔ koma pa a ɛbɛma wɔaba daa nkwa kwan no so no.—Mat. 7:13, 14.