Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 14
  • Dapɛn a Efi Ase March 21
  • Dapɛn a Efi Ase March 28
  • Dapɛn a Efi Ase April 4
Yɛn Ahenni Som—2005
km 3/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase March 14

Dwom 66

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ David—He Trusted in God video no mfa nsiesie ne ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ no dapɛn a efi ase April 4 no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde March 1 Ɔwɛn-Aban ne March 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ ɔyɛkyerɛ no reba awiei a, fa nsaano krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo ba Nkaedi ase no kae ofiewura no Nkaedi a ɛrenkyɛ ɛbɛba so no.

20 min: Fa Nhomawa Foforo no Boa Wɔn a Wɔkyerɛ Asɛm no Ho Anigye No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ de boa obiara a ogyee Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no bi no. Fa emu nsɛm a ɛwɔ kratafa 2 no bɔ nhomawa no mu nsɛm nyinaa mua, na twe adwene si afã a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw nsɛm ntiantiaa no (nsɛm a ɛwɔ nsɛmti a wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw ase no). Yebetumi de nsɛm yi adi dwuma de ayɛ sankɔhwɛ tiawa a ntease wom. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode nsɛm a ɛwɔ kratafa 3-4 na edii dwuma wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa 5 a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw a ɛne “So Onyankopɔn Dwene Yɛn Ho Ampa?” no ayɛ sankɔhwɛ. Munsusuw sɛnea mubetumi de ayɛ adwuma no ho. Bobɔ afã foforo a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw, te sɛ nea ɛwɔ kratafa 6-8 ne 17-18 anaa afoforo a ɛfata mo asafo no asasesin no so. Fa afã a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw no mu biako yɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biako anaa nea ɛboro saa na wosusuw ho. Ɔdawurubɔfo no twe adwene si ɔfã foforo a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw a wobetumi asusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no so, na afei ɔde ba awiei.

15 min: Nsiesiei Bi a Ɛbɛhyɛ Yɛn Den. Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa nsɛmmisa ne nkɔmmɔbɔ toa so fa susuw 2005 Yearbook no ho. Yehowa anwonwadwuma a ɔreyɛ wɔ yɛn bere yi mu ho a yebesusuw no bɛma yɛabɛn no ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no kɛse. (Dw. 77:12-14) Ɛhyɛ yɛn den ma yɛde “gyidi gyina hɔ pintinn” de ko tia Ɔbonsam. (1 Pet. 5:8, 9) Ɛboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔte Yehowa ahyehyɛde no ase kyerɛ ho anisɔ. Bisa atiefo ma wɔnka nsɛm a wɔn ani gye ho wɔ 2005 Yearbook a wɔrekenkan no anaa “Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ” mu no nkyerɛ. Di kan yɛ nhyehyɛe ma onipa biako anaa nnipa baanu nka nhyehyɛe a wɔn ankasa ayɛ a wɔde kenkan Yearbook no nkyerɛ.

Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 21

Dwom 140

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 4 a ɛne “Boa Wɔn Ma Wɔnkɔ So Nni Wɔn Adanse” no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhyehyɛ Please Follow Up (S-43) kratasin no bi ntɛm ara bere biara a ɛho behia no.

15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 7.”a Sɛ woresiesie wo ho ama ɔfã yi a, kenkan July 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27, nkyekyɛm 5-6.

20 min: “Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!”b

Dwom 132 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 28

Dwom 144

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan mo sikasɛm ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka mo ntoboa no kyerɛ. Kae wɔn nyinaa ma wɔnhwɛ David—He Trusted in God video no mfa nsiesie wɔn ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ no dapɛn a edi hɔ no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnto nsa mfrɛ anigyefo ma wommetie ɔkasa titiriw no wɔ April 10. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ April ne May mu no ho asɛm.

15 min: “Yɛ Fakaa Wɔ Ɔkwan a Wofa So Di Adanse no Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu kratafa 6 no ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi afa kwan yi so de nhoma ama wɔ ɔsram yi mu ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo no nkenkan kyerɛwsɛm biako a ɛfa ɔhaw bi a ofiewura no kaa ho asɛm no ho.

20 min: “Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 3 ne 4 ho a, kyerɛ sɛnea mubetumi de emu nsɛm no adi dwuma wɔ mo mpɔtam hɔ. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa adawurubɔfo baanu a wɔbɔ mmɔden wɔ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ nnwuma mu, mmɔnten so, baguam, anaa bɔnnɔ so adansedi mu no nsɛm tiawa. Bisa wɔn ma wɔnkyerɛkyerɛ sɛnea wotumi de nsɛmma nhoma ma wɔ tebea horow yi mu mu. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no yɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban ne March 22 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 4

Dwom 119

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Monnodɔ Mo Ho. (Yoh. 13:35) Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina February 1, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 15-18, nkyekyɛm 10-21 so. Sɛnea wɔkae wɔ nhoma a yɛde bɛma wɔ April ne May mu ho no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden ne wɔn a wɔasua Nimdeɛ nhoma ne Ahwehwɛde nhomawa no awie no mfi Bible adesua ase. Si sɛnea adawurubɔfo betumi aboa mpanyimfo no ma wɔaboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no so dua.

25 min: “Video a Emu Nsɛm Rentwam Da.” Kenkan Dwom 91:2 ne 31:14, na ka emu biara ho asɛm tiawa. Afei fa nsɛmmisa a wɔde ama wɔ nkyekyɛm abien ne asɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm abiɛsa no nyinaa di dwuma na wo ne atiefo mfa nsusuw David video no ho. Kenkan Dwom 56:11 fa wie.

Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena