Yɛ Fakaa Wɔ Ɔkwan a Wofa So Di Adanse no Mu
Sɛ yɛwɔ nnipa ho anigye a, ɛbɛka yɛn ma yɛabɔ mmɔden ahu wɔn ahiade na yɛakyerɛ wɔn sɛnea Ahenni no bedi ɔhaw ahorow a wohyia no ho dwuma koraa. (Filip. 2:4) Ɔkwan a etu mpɔn a adawurubɔfo pii fa so dannan wɔn nsɛm mu ne sɛ wɔma ofiewura no ka biribi fa Paradise ho mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no ho, te sɛ nea ɛsã so wɔ wo nsa nifa so wɔ kratafa yi mu no. Ebia wubetumi de nnianim nsɛm a edidi so yi ayɛ saa:
◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a adesamma abusua no benya asetra a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi?”
◼ “Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn mma nya asetra wɔ wiase bi a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi mu. Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛma asetra a ɛte sɛɛ aba?”
◼ “Eyi yɛ mfonini a ɛrekyerɛ sɛnea asetra bɛyɛ wɔ asase so bere a Onyankopɔn apɛde yɛ hɔ wɔ ha sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. So wuhu biribi a ɛyɛ soronko wɔ sɛnea asetra te nnɛ no ho?”
◼ “Wobɛpɛ sɛ wotra ase wɔ tebea horow a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi mu? [Twɛn ma ommua.] Wususuw sɛ eyi bɛba wɔ yɛn bere yi so?”
Tie onipa no mmuae yiye, na afei bisa no asɛm biako anaa nsɛm abien fa hu n’adwene. Sɛ nnipa binom ka sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtra tebea horow a wɔayɛ ho mfonini no mu anaa wonnye nni sɛ ebetumi aba saa a, nka ntɛm ara sɛ wɔn ani nnye asɛm no ho. Fa anifere bisa wɔn hu nea enti a wosusuw saa no. Ebia nsɛm a wɔbɛka no bɛma ada adi sɛ ɔhaw ahorow a adesamma hyia a ayɛ sɛ obiara ntumi nni ho dwuma no haw wɔn yiye.—Hes. 9:4.
Bere a woahu nea ɛhaw wo fiewura no, dan wo nsɛm no kɔ ɛno so. Twe n’adwene si Ahenni nkrasɛm no fã a ɛka ne haw no ho asɛm tẽẽ no so. Kyerɛ no kyerɛw nsɛm biako anaa abien a ɛfa ne haw no ho. (Hwɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nifa so ha no.) Ma n’ankasa nhu nea Onyankopɔn Asɛm no ka. Sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ bio. Kɔtoa anigye a onyae wɔ nkɔmmɔbɔ a edi kan ho no so.
[Adaka wɔ kratafa 6]
Paradise Ho Mfonini Ahorow No Bi
Creation nhoma: kratafa 237, 243, 251
Ɔkyerɛkyerɛfo nhoma: kratafa 251-4
Nimdeɛ nhoma: kratafa 4-5, 188-9
Ahwehwɛde nhomawa: kratafa 11, 13
True Peace nhoma: kratafa 98
Som Nyankopɔn nhoma: kratafa 92-3
[Adaka wɔ kratafa 6]
Nsɛm a Ɛhaw Nkurɔfo
Adan, sikasɛm mu ahokyere
Aduankɔm, aduanpa a yennya nni
Adwenemhaw
Mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade
Nnipa ho adwemmɔne, nsisi
Nniso bɔne
Nsɛmmɔnedi, basabasayɛ
Ohia, nhyɛso
Owu, awerɛhodi
Ɔbrasɛe
Ɔko, amumɔyɛsɛm
Ɔporɔw, ntɛnkyea
Sɛe a wɔresɛe asase no
Yare, dɛmdi