Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase July 10
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde July 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, kyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “Ɛha De Yɛyɛ Kristofo Dedaw” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So no kr. 11.
15 min: Sɛnea Wɔahyehyɛ Asafo no na Wodi So. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no ti 4 so.
20 min: “Ma Afoforo Nnya Yehowa Su Ahorow a Ɛso Bi Nni no Ho Anisɔ.”a Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea obi de nsɛmmisa boa ne Bible suani ma osusuw ntimu adaka a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 1 awiei no ho.
Dwom 88 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 17
Dwom 99
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka August 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no kratafa 32 mu asɛm tiawa. Si mfaso a ɛwɔ nhyehyɛe a yɛbɛyɛ akenkan Bible no daa wɔ akwamma bere anaa mmere foforo mu so no so dua.
15 min: Ɔdɔ ne Ahobrɛase—Su Horow a Ɛho Hia Ma Ɔsom Adwuma No. Ɔkasa a egyina August 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no kratafa 18-20 nkyekyɛm 13-20 no so.
20 min: “Suasua Yehowa, Yɛn ‘Anigye Nyankopɔn’ No.”b Ma atiefo nka nea aboa wɔn ma wɔakɔ so ada anigye ne adwempa adi bere a wɔreka asɛm no wɔ mo asasesin mu no ho asɛm nkyerɛ.
Dwom 189 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 24
Dwom 218
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae anuanom nyinaa ma wonsiesie wɔn ho na wɔmfa Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No nhomawa no mmra dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam ase. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin no mu yɛ sɛnea wɔde July 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wowie ɔyɛkyerɛ biara a, san tĩ nnianim asɛm a wɔde kanyan ofiewura no anigye no mu.
10 min: “Wɔayɛ Nokwaredi Ho Nhwɛso Ama Yɛn.” Ɔkasa a akwampaefo atitiriw osuahu kakra a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu anaa nsɛm a wobisabisa akwampaefo atitiriw bi a ebia wɔwɔ mo asafo mu ka ho.—Hwɛ Watch Tower Publications Index no mu wɔ “Special Pioneers” ase.
20 min: Muntintim, Munnhinhim. (1 Kor. 15:58) Bisabisa adawurubɔfo anaa akwampaefo baanu anaa baasa a wɔde nokwaredi asom mfe pii no nsɛm. Ɛyɛɛ dɛn na wohuu nokware no? Ná asɛnka adwuma no te dɛn bere a wofii ase no? Nsɛnnennen bɛn na wɔahyia? Nhyira horow bɛn na nokware som a wɔda so kura mu denneennen no ama wɔanya?
Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 31
Dwom 85
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn July asɛnka akontaabu mma. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma August.
20 min: Nkonyaayi ne Abayisɛm Ho Nokwasɛm. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No nhomawa no ti 5 so. Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma obi nkenkan nkyekyɛm 3, 4, 8, 10, ne 13, ansa na moasusuw ho. Ma atosɛm abiɛsa a Satan de di dwuma a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm 16 ne 17 no nna adi pefee, na hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so mfa nhwehwɛ ahobammɔ.
20 min: “Nya Su Pa na Ama Woanya Nhyira Pii.”c Ma atiefo nka mmɔden a wɔabɔ a ama wɔakɔ so asom Yehowa ne nhyira a ama wɔanya no ho asɛm.
Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 7
Dwom 209
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka sɛnea mubetumi de asɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no adi mo asasesin no mu ahiade ho dwuma ho asɛm tiawa.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som no, kr. 8.
15 min: Nhyiam a Ɛtwetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu. Ɔkasa a egyina March 15, 2002, Ɔwɛn-Aban no kratafa 24-25 so. Fa nsɛm tiawa a wubebisabisa ɔdawurubɔfo bi a esi mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛba asafo nhyiam daa anaa sɛnea wanya saa a ɔyɛ no so mfaso so dua ka ho.
20 min: Yɛ Obi a Ne Ho Akokwaw na Ɔyɛ Fakaa wɔ Yɛn Som Adwuma no Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina December 1, 2005, Ɔwɛn-Aban no kratafa 28-30 so. Si sɛnea Paulo maa n’ani kuu nneɛma ho, ɔyɛɛ fakaa, na ɔfaa akwan horow so kaa asɛm no na ɔkyerɛkyerɛe no so dua wɔ ɔkasa a egyina nkyekyɛm 6-11 so no mu. Afei ma atiefo mmua nkyekyɛm 12-14 ho nsɛmmisa no na ma ɛmfa mo asafo no ho. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea adawurubɔfo betumi agyina asasesin no mu nnipa ahiade, wɔn nsɛm tebea ne wɔn amammerɛ so asakra wɔn nsɛm mu.
Dwom 83 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.