Wɔayɛ Nokwaredi Ho Nhwɛso Ama Yɛn
1 Wofii bere nyinaa som adwuma no fã foforo bi a ɛne akwampae titiriw adwuma no ase wɔ afe 1937 mu. Mmarima ne mmea a wɔfata a na wɔanya osuahu wɔ Kristofo som adwuma no mu no fii wɔn pɛ mu penee so sɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabiara a ahyehyɛde no bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Wɔ mfe pii akyi no, akwampaefo atitiriw kɔ so yɛ nokwaredi a ɛsɛ sɛ yesuasua ho nhwɛso ma yɛn nnɛ.—Heb. 6:12.
2 Wodii Adwuma no Anim: Mfiase no, akwampaefo atitiriw de gramafon kaa asɛm no wɔ nkurɔfo afi mu de dii asɛnka adwuma no anim. Wɔde Bible mu nsɛm a na wɔakyere agu mpaawa so yɛɛ sankɔhwɛ nso. Wɔyɛɛ eyi wɔ nkurow akɛse a na wɔahyehyɛ asafo ahorow wom dedaw no mu. Akyiri yi wɔde akwampaefo atitiriw kɔɔ mmeae a na wohia Ahenni adawurubɔfo pii no. Wɔsan kɔsraa wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye nyinaa, na wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua. Esiane wɔn mmɔdenbɔ no nti, wɔtew asafo afoforo pii. Asɛmpaka adwuma a wɔyɛɛ no denneennen no boae ma ahyehyɛde no nyaa nkɔanim kɛse sɛnea yehu nnɛ no. (Yes. 60:22) Akwampaefo atitiriw kɔ so boa kɛse ma yɛtrɛw asɛmpa no mu wɔ “abɔde a ɛwɔ soro ase nyinaa mu.”—Kol. 1:23.
3 Ɛfata sɛ Yesuasua Wɔn: Akwampaefo atitiriw binom de mfe pii na ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Wɔ mfe a atwam no, tebea horow a mmarima ne mmea anokwafo yi afa mu no ama wɔn gyidi mu ayɛ den. (1 Pet. 1:6, 7) Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre na ama wɔasom wɔ mmeae a wohia mmoa titiriw bi no. Seesei wɔn mu binom abobɔ nkwakoraa ne mmerewa, wonni ahoɔden na wohyia nsɛnnennen afoforo nso. (2 Kor. 4:16, 17) Nanso, wɔkɔ so ‘sow aba wɔ wɔn nkwakoraa bere’ mu. (Dw. 92:14) Wɔde wɔn ho to Yehowa so na wonya ne nhyira.—Dw. 34:8; Mmeb. 10:22.
4 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu kamfo akwampaefo atitiriw yi. Sɛ mowɔ akwampaefo atitiriw wɔ mo asafo mu a, mo ne wɔn mmɔ na moanya wɔn suahu so mfaso. Monkyerɛ adwuma a wɔyɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo anokwafo no ho anisɔ. Momma sɛnea wogyina pintinn no nhyɛ mo nkuran. Obiara a osuasua wɔn gyidi no nso betumi anya Yehowa anim dom ne nhyira efisɛ “wɔn a wodi nokware sɔ n’ani.”—Mmeb. 12:22.