Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/10 kr. 4
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa A Yɛde Bɛma Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Akwampae Adwuma no Mu Nhyira Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Wɔayɛ Nokwaredi Ho Nhwɛso Ama Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 11/10 kr. 4

Asɛmmisa Afã

◼ Dɛn pɔtee na yebetumi ayɛ de aboa akwampaefo?

Wɔ afe 2009 ɔsom afe no mu no, anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 800,000 na wɔsomee sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw wɔ wiase nyinaa. Bere nyinaa asomfo yi de wɔn aba a edi kan, kyerɛ sɛ wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtrɛw Ahenni asɛmpa no mu. (Mmeb. 3:9) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ no! Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yehowa na yɛaboa akwampaefo ma wɔakɔ so de anigye ne boasetɔ ayɛ ɔsom adwuma no?

So woka akwampae adwuma no ho asɛm pa? Bere bɛn na wokae sɛ wokamfoo ɔkwampaefo bi wɔ ahofama su a ɔwɔ no ho? Nokwarem no, sɛ yesusuw nsɛm a yɛka ho yiye a, ebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so asom sɛ akwampaefo. (Mmeb. 25:11) So yebetumi ayɛ nsakrae wɔ dapɛn no mu na ama yɛatumi ne wɔn akɔ asɛnka? Akwampaefo ani gye ho paa sɛ wobenya obi ne wɔn akɔ asɛnka wɔ nna a adawurubɔfo pii nkɔ asɛnka no mu. (1 Kor. 13:5; Filip. 2:4) Afei nso, yebetumi ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn, na ɛtɔ mmere bi a yɛato nsa afrɛ wɔn ma wɔaba yɛn fie abedidi de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho. (1 Pet. 4:8, 9) Yebetumi afi yɛn pɛ mu ama wɔn sika a wɔde bɛfa kar akɔ asɛnka, anaa yɛaboa wɔn wɔ akwan foforo so sɛnea yɛn ahoɔden betumi.—Fa toto 1 Tesalonikafo 5:13 ho.

Kyerɛwnsɛm no ma yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛma wɔn a wɔde n’Ahenni no di kan no nsa aka nea wohia. (Dw. 37:25; Mat. 6:33) Ɔkwan biako a ɔfa so yɛ saa ne yɛn Kristofo nuayɛkuw a ɔdɔ wom no. (1 Yoh. 3:16-18) Nokwarem no, akwampaefo nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhwɛ wɔn. Na saa ara na sɛ wɔn ho kyere wɔn a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Nanso yebetumi de yɛn ani ato fam ayɛ nneɛma pɔtee bi de aboa akwampaefo a wɔyɛ nsi yi, na ama nea ‘aboro yɛn so no akogu wɔn hia mu.’—2 Kor. 8:14, 15.

Bere a Foibe, onuawa ɔsɛmpakafo bi a na ɔwɔ Kenkrea Asafo mu wɔ afeha a edi kan mu tuu kwan kɔɔ Roma no, Paulo hyɛɛ anuanom a wɔwɔ Roma no nkuran sɛ: ‘Munnye no Awurade mu sɛnea ɛsɛ akronkronfo no, na moaboa no biribiara mu bere a obehia mo no.’ (Rom. 16:1, 2) Yɛn nso, yɛanya hokwan a yɛde bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ yɛn asafo mu a wɔde wɔn bere nyinaa reka asɛmpa no sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw no.—Aso. 5:42.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena