Ahosiesie—Ɛma Sankɔhwɛ Tu Mpɔn
1. Ná ɛbɛyɛ dɛn na tete Kristofo som adwuma no mu atrɛw?
1 Yesu siesiee n’asuafo no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetu mpɔn sɛ ‘ahenni no ho asɛmpakafo.’ (Mat. 4:23; 9:35) Palestina mpɔtam nkutoo na ɔtetee wɔn. Nanso ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔma wohui sɛ Kristofo som adwuma no mu bɛtrɛw na ama wɔayɛ ‘aman nyinaa n’asuafo.’—Mat. 28:19, 20.
2. Sɛ yebedi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ asuafo’ no so a, dɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ?
2 Ná ɛho behia sɛ wɔsan kɔsrasra wɔn a na wɔn ani gye Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wodi nea wahyɛ wɔn no nyinaa so. Sɛ yebetumi ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn saa a, ehia sɛ yesiesie yɛn ho yiye.
3. Wɔ nsrahwɛ a edi kan mu mpo no, wobɛyɛ dɛn abɔ kwan ama sankɔhwɛ?
3 Di Kan Yɛ Ho Nhyehyɛe: Adawurubɔfo binom bɔ mmɔden gyaw asɛmmisa bi ma ofiewura no wɔ wɔn nsrahwɛ a edi kan no awiei, na afei wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan aba ne no abesusuw mmuae no ho. Wɔahu nso sɛ sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ na wɔtwe adwene si Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu asɛm bi so a, ɛboa ma wofi Bible adesua ase amonom hɔ ara.
4. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ nsɛmma nhoma foforo bɛba ansa na yɛakɔyɛ sankɔhwɛ?
4 Nsɛmma nhoma abien pɛ a yɛde kɔma nkurɔfo ɔsram biara no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma yɛn nsa ka ɔsram foforo no de ansa na yɛasan akɔ hɔ. Sɛ wo ne no susuw nsɛmma nhoma a ɔwɔ dedaw no mu nsɛm ho a, wubetumi akanyan n’anigye.
5. Sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ na yɛde botae bi si yɛn ani so a, mfaso bɛn na yebenya?
5 Fa Botae Bi Si W’ani So: Ansa na wobɛyɛ sankɔhwɛ no, gye bere kakra fa hwehwɛ wo kyerɛwtohɔ mu na hu nea wopɛ sɛ woyɛ. Sɛ nhwɛso no, munsusuw nhoma a wode gyaw no bere a wokɔɔ hɔ no ho. Anaa gyaw no nhoma foforo a ɛfa asɛm bi a mobɔɔ ho nkɔmmɔ bere bi no ho. Sɛ wubisaa no asɛm bi bere a atwam no a, ɛda adi sɛ wubebua saa asɛm no. Sɛ worekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm a esi asɛm bi so dua mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan afi Bible no mu tẽẽ.
6. Botae bɛn nti na yɛyɛ sankɔhwɛ?
6 Yɛn Botae: Nokwarem no, yɛn botae ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Onua bi kaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima bi bere a ɔsan kɔsraa no no, nanso ɔbarima no amma kwan. Onua no san de nsɛmma nhoma a aba foforo no kɔɔ hɔ na ɔkae sɛ, “Nea enti a yɛaba ha ne sɛ yɛpɛ sɛ yebua Bible mu asɛm bi a nkurɔfo taa bisa no ma wɔn.” Bere a ɔbarima no yii n’ano wiei no, onua no kenkan kyerɛwsɛm biako ne asɛm bi a ɛfa kyerɛwsɛm no ho fii nhoma a yɛde yɛ Bible adesua no mu. Eyi ma wofii Bible adesua ase, na wɔyɛ no daa.
7. Ɔkwan bɛn so na sɛnea wusiesie wo ho yiye kɔyɛ sankɔhwɛ no aboa wo ma woafi Bible adesua ase?
7 Sɛ yegye bere siesie yɛn ho kɔyɛ sankɔhwɛ a, yɛn brɛ renyɛ ɔkwa. Yebenya anigye kɛse, na ebia yebenya hokwan aboa “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no ma wɔafa nkwa kwan no so.—Aso. 13:48.