Nhyehyɛe ma Dapɛn a Efi Ase February 16
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 16
Dwom 98
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Genesis 29-31
No. 1: Genesis 29:1-20
No. 2: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ ‘Yedwennwen’ (Mat. 6:25)
No. 3: Osetie Bɔ Wo Ho Ban (lr-TW ti 7)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 172
5 min: Nkaebɔ.
15 min: “Monyɛ Ade Nyinaa Asɛmpa no Nti.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.
15 min: Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Adwuma wɔ Nkaedi Bere Yi Mu? Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka nea ehia na obi atumi ayɛ akwampaefo boafo. Kyerɛkyerɛ anigye ne nhyira horow a ɛwɔ akwampaefo aboafo adwuma no mu. Ka nhyehyɛe foforo a mo asafo no ayɛ de aka asɛnka nhyiam nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ dedaw no ho a mode bɛkɔ asɛnka wɔ March, April, ne May mu. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ afe a etwaam no mu no nsɛm. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ wɔn nhyehyɛe mu? Nhyira bɛn na wonyae? Hyɛ abusua biara nkuran ma wonsusuw sɛnea abusua no muni biako anaa nea ɛboro saa betumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi ho wɔ Nkaedi bere no mu.
Dwom 151