Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 14
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 14
Dwom 41
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yosua 6-8
No. 1: Yosua 8:1-17
No. 2: Nsuyiri Bi Sɛee Wiase—So Ebesi Bio? (lr ti 46)
No. 3: Dɛn Nti na Afotu a Ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:21, 22 no So wɔ Mfaso?
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 161
5 min: Nkaebɔ.
15 min: Dɛn Nti na Misuro sɛ Mɛka Me Gyidi Ho Asɛm? Ɔkasa a egyina July 2009 Awake! kratafa 24-27 so. Ma awofo bi nyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔde Abusua Som bere reboa wɔn ba ma watumi abua nsɛm wɔ sukuu mu. Wɔyɛ nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 25 no mu biako ho nhwehwɛmu na wosusuw ho. Afei wɔbobɔ so ma abofra no ma asɛmmisa no ho mmuae.
15 min: “Monka Asɛm no Denneennen!” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 no ho a, bisa Ahenni dawurubɔfo bi a ɔyɛ nsi nsɛm a edidi so yi: Dɛn pɔtee na woayɛ na ama woakwati wiase yi mu nneɛma a ɛho nhia? Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a wode wo ho hyem denneennen no aboa wo?
Dwom 92