Monka Asɛm no Denneennen!
1. Paulo afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so nnɛ?
1 “Ka asɛm no, kɔ so ka no denneennen.” (2 Tim. 4:2) Dɛn nti na Paulo afotu yi ho hia yɛn paa nnɛ? Ɔkwan bɛn so na asɛm yi betumi aka yɛne afoforo?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ wɔn a wonnya ntee asɛmpa no?
2 Ɛfa Nkwa Ho: Nnipa ɔpepem pii wɔ wiase a wonnya ntee asɛmpa a ebetumi ama wɔanya nkwa no. (Rom. 10:13-15; 1 Tim. 4:16) Yehu nnipa akomapafo pii wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma no mu. Sɛ yɛsesa nna anaa bere a yɛde kɔ wɔn hɔ no a, ebia yɛbɛto nnipa foforo. Sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ nnipa a wɔte saa a, ɛbɛma yɛanya ahonim pa na yɛrenni mogya ho fɔ.—Aso. 20:26.
3. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu?
3 Ɛmfa ho sɛ afeha a edi kan Kristofo no hyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den no, wɔde wɔn ‘nkyerɛkyerɛ hyɛɛ Yerusalem mã.’ (Aso. 5:28) So yɛasi yɛn bo sɛ yɛn nso yebedi “adanse fefeefe”? (Aso. 10:42) Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛde yɛn bere di dwuma yiye? Sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ, na sɛ ɛnyɛ yɛn na yɛrekasa a, so yɛde hokwan no di wɔn a wɔretwam no adanse?
4. Sɛ yɛyere yɛn ho ka asɛm no a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn?
4 Ɛma Yɛn Ani Da Hɔ Yiye: Esiane sɛ wiase nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei nti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛkɔ so wɛn. (1 Tes. 5:1-6) Sɛ yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛm a, ɛremma wiase yi nhyɛ yɛn so. (Luka 21:34-36) Afei, sɛ yɛma Yehowa da no “yɛ ntɛm” wɔ yɛn adwene mu a, ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ pii wɔ asɛmpaka adwuma no mu; ɛno so na wɔnam begye afoforo nkwa.—2 Pet. 3:11, 12.
5. Obu a yɛwɔ ma nkwa no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn wɔ asɛnka adwuma no mu?
5 Sɛ yɛka asɛm no denneennen a, ɛbɛma yɛanya adwene a Yehowa wɔ wɔ nkwa ho yi bi: “Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” (2 Pet. 3:9; Hes. 33:11) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nka asɛm no nkyerɛ nnipa pii wɔ yɛn asasesin mu mfa nyi Yehowa ayɛ!—Dw. 109:30.