Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/10 kr. 2
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Boa Mmofra Ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 1/10 kr. 2

Asɛmmisa Afã

◼ Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de aboa ma asafo nhyiam ase tebea afata ma yɛatumi asua ade? (Deut. 31:12)

Obu kɛse a yɛwɔ ma Yehowa ne asafo nhyiam nti, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennu hɔ ntɛm na yensiesie yɛn ho sɛ yebetie ne nkyerɛkyerɛ. Sɛ yɛba ntɛm na yɛtena anim nkongua no so a, ɛbɛboa ma wɔn a wokura mmofra ne wɔn a ebia wɔbɛka akyi aba no atena nkongua a ɛwɔ akyi no so. Ansa na wobefi adesua ase no, ɛsɛ sɛ obiara kyim ne mobile fon to baabi a sɛ ɛrebɔ a, ɛrentwetwe afoforo adwene. Sɛ yebu nhyiam a yɛyɛ no ade kronkron a, ɛremma yɛnyɛ biribi mfa nhaw afoforo.—Ɔsɛnk. 5:1; Filip. 2:4.

Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo fi ase ba asafo nhyiam a, onua bi a onim wɔn betumi akɔtena wɔn nkyɛn. Eyi ho hia titiriw bere a wokura mmofra. Ebetumi aba sɛ eyi ne bere a edi kan koraa a wɔaba nhyiam a ɛte saa ase. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛtena nkongua a ɛwɔ akyi no so na wɔantwetwe afoforo adwene bere a ɛho abehia sɛ awofo no de mmofra no fi adi kakra kodi wɔn ahiade ho dwuma no. (Mmeb. 22:6, 15) Ɛnsɛ sɛ mmusua a mmofra nkumaa wom no tew wɔn ho kɔtena baabi a ɛbɛma mmofra no anya hokwan ayɛ dede. Sɛ awofo pɛ sɛ wɔteɛ wɔn mma so anaa wodi wɔn ahiade ho dwuma a, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde wɔn fi asa no so kɔhwɛ wɔn na wowie a, wɔasan de wɔn aba.

Wɔn a wogye ahɔho no adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ ma tebea a ɛwɔ Ahenni Asa no so afata. Wɔboa mmusua ma wonya baabi tena, na sɛ obi ka akyi nso a, wɔapɛ baabi ama no atena. Sɛ wɔreboa afoforo ama wɔanya baabi atena a, wɔyɛ ahwɛyiye na wɔantwetwe afoforo adwene. Sɛ tebea bi a wɔnhwɛ kwan sɔre a, wɔyɛ anifere. Afei sɛ abofra bi rehaw adwene a, wotumi boa ɔwofo no ma ɔhwɛ no.

Wɔn a wɔba asafo nhyiam nyinaa betumi aboa ama tebea a ɛwɔ Ahenni Asa so no ayɛ nea ɛfata na yɛatumi asua Yehowa ne ne trenee wiase foforo a asomdwoe wom no ho ade.—Heb. 10:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena