Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/12 kr. 2
  • Nsusuw sɛ Wuntumi Nyɛ​—Sɛnea Wubenya Ahotoso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsusuw sɛ Wuntumi Nyɛ​—Sɛnea Wubenya Ahotoso
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wubetumi Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo!
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Ofie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 11/12 kr. 2

Nsusuw sɛ Wuntumi Nyɛ​—Sɛnea Wubenya Ahotoso

1. Dɛn nti na ebinom mpɛ sɛ wɔka Bible adesua ho asɛm kyerɛ nkurɔfo?

1 Wususuw sɛ wunni ahotoso a ɛbɛma woatumi ayɛ Bible adesua a etu mpɔn ma enti wonka ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo? Wɔ mmere bi mu no, Onyankopɔn asomfo anokwafo bi te sɛ Mose ne Yeremia a wɔtenaa ase tete no tee nka sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no. (Ex. 3:10, 11; 4:10; Yer. 1:4-6) Nnipa afoforo nso taa te nka saa. Enti, wɔbɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma?

2. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye afie afie asɛnka adwuma no nkutoo ho na yegyaw Bible adesua ma afoforo sɛ wɔnyɛ?

2 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa renka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛrentumi nyɛ da. (Dw. 103:14) Enti yebetumi adi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ ‘yɛnkɔyɛ asuafo’ na ‘yɛnkyerɛkyerɛ wɔn’ no so. (Mat. 28:19, 20) Ɛnyɛ hokwan a Yehowa de ama wɔn a wɔwɔ osuahu anaa ɔdom akyɛde soronko a wɔwɔ yɛn mu no nkutoo. (1 Kor. 1:26, 27) Enti ɛnyɛ afie afie asɛnka adwuma no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho na yegyaw Bible adesua ma afoforo sɛ wɔnyɛ.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama yɛafata sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua?

3 Yehowa na Ɔma Yɛfata: Yehowa na ɔma yɛfata sɛ yɛyɛ asuafo. (2 Kor. 3:5) Ɔnam n’ahyehyɛde no so akyerɛkyerɛ yɛn Bible mu nokware a nnipa a wɔasua nhoma akɔ akyiri paa wɔ wiase no mu mpo nnim. (1 Kor. 2:7, 8) Wakora akwan a Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no faa so kyerɛkyerɛe no so ama yɛn sɛ yensua, na ɔnam asafo no so kɔ so tete yɛn. Bio nso, Yehowa nnyaw yɛn kwa, wama yɛn nea yehia a yebetumi de akyerɛkyerɛ afoforo Bible no. Wama yɛn nnwinnade te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a ɛkyerɛkyerɛ nokware no mu wɔ ɔkwan a ɛtɔ asom so, na asete nso nyɛ den. Bible adesuayɛ betumi ayɛ mmerɛw sen sɛnea yesusuw.

4. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn?

4 Yehowa boaa Mose ne Yeremia ma wotumi yɛɛ adwuma a ɔde maa wɔn no. (Ex. 4:11, 12; Yer. 1:7, 8) Yɛn nso yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn. Anyɛ yiye koraa no, sɛ yɛyɛ Bible adesua a, na yɛrekyerɛkyerɛ obi nokware a ɛfa Yehowa ho, na eyi sɔ Onyankopɔn ani. (1 Yoh. 3:22) Bible adesua yɛ asɛnka adwuma no fã a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so paa, enti fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena