Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Ofie Bible Adesua Mu
1 Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye sen biara a yebetumi anya wɔ yɛn som adwuma no mu biako ne afoforo a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabɛyɛ nokware Kristofo sɛnea Yesu kae sɛ yɛnyɛ no. (Mat. 28:19, 20) So worenya saa anigye yi?
2 Ɛwom sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔ yɛn som adwuma no fã biara mu de, nanso ofie Bible adesua ma yenya hokwan kɛse de kyerɛkyerɛ. Enti, sɛ wonnyɛ Bible adesua daa a, ma ɛnyɛ asɛm a wobɔ ho mpae ne botae a ɛsɛ sɛ woyɛ ho adwuma. Pii nam saa yɛ so anya Bible adesua ahorow na wɔnam so anya hokwan fɛfɛ akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔabɛyɛ nokware Kristofo.
SO WUBETUMI AYƐ?
3 Egye bere ne adesua pa na ama obi abegye Bible mu asɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no adi. (Mateo 10:11) Esiane eyi nti na yɛwɔ ofie Bible adesua nhyehyɛe no. Eyi yɛ adesua a emu trɛw a ɛfa nsɛm ahorow pii ho a wɔada no adi wɔ ɔkwan a ntease wom so wɔ Asafo nhoma ahorow mu.—Yoh. 17:3; 1 Yoh. 5:20.
4 Ná Yesu Kristo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse; enti, ɛsɛ sɛ yesua n’akwan no na yɛfa so. Ɔkwan bɛn so na ɔfa kyerɛkyerɛe? Obisaa nsɛm a ɛma nneɛma mu da hɔ. (Mat. 17:24-26; Luka 10:26-36) Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔagyina ne nkyerɛkyerɛ no so asusuw nneɛma ho na wɔahwehwɛ wɔn ho mu. Ɔnam nsemmisa yi so duu wɔn koma mu wɔ anifere kwan so. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo ampa anaasɛ wɔn adwene no yɛ nea ɛnteɛ.—Mat. 13:10-17; Marko 8:34-38.
5 Bio nso, Yesu de mfatoho ne nneɛma a wohu dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu; na ɔfaa akwan afoforo a etu mpɔn so. (Mat. 4:18, 19; Luka 15:3-10; Yoh. 13:2-16) Afei nso ɔdaa nsɛm adi wɔ ɔkwan tiawa a emu da hɔ so. (Mateo atiri 5-7) Yebetumi de aseda ama sɛ Asafo nhoma ahorow no fa akwan koro no ara a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no so.
6 Siesie wo ho yiye ma adesua no. Susuw afã horow a ebia asete bɛyɛ den ama adesuafo no, nea ebia wobebisa ho nsɛm, ne nneɛma a ɛyɛ anigye titiriw ne afei nso nea ɛfa wɔn da biara da asetra ho no ho.
SƐNEA WƆKYERƐKYERƐ WƆ ADESUA ASE
7 Ɛsɛ sɛ wɔde mpaebɔ bue adesua a wɔahyehyɛ. Wo mpaebɔ a wode srɛ Yehowa akwankyerɛ ne ne nhyira no besi aniberesɛm a adesua no yɛ ne nidi a ɛwom no so dua, na akyerɛ nsi a woyɛ sɛ Onyankopɔn somfo no nso. Adesua a etwaam no mu ntimu tiawa betumi ayɛ nea ɛfata a ɛde mo kɔ foforo a morebesua no so.
8 Bible adesua nhoma ahorow a yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu no pii wɔ nsemmisa ma nkyekyem biara. Eyi yɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa a wobetumi de adi dwuma de aboa adesuafo ma wode wɔn ankasa nsɛm ama mmuae. Sɛ asemmisa no ho mmuae a ɛteɛ mma a, ebia wobɛpɛ sɛ wubisa asɛm no wɔ ɔkwan foforo so. Nanso, mma adesua no nnan agoru a wɔbɔ tirim ma mmuae wom ara kwa. Nokware no a wosua yɛ nea egyina ntease ne adwene so.
9 Bere a mode yɛ adesua no bɛyɛ dɔnhwerew biako. Ɛyɛ nea mpɛn pii mubetumi asua ti biako awie, nanso eyi gyina wɔn a wɔresua ade no mmɔden so. Hyɛ adesuafo no nkuran ma wonni kan nsiesie wɔn ho na wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae. Kura Onyankopɔn Asɛm no mu wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu. (Tito 1:9) Onyankopɔn Asɛm no na ɛwɔ tumi a ɛbɛka onipa no ma wayɛ ade. (Heb. 4:12) Enti sɛnea bere ma kwan no, mommue kyerɛw nsɛm atitiriw no na monkenkan.
HOKWAN A ƐYƐ NWONWA
10 Afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware a ɛfa Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Ahenni no ho no yɛ hokwan a ɛyɛ nwonwa. (1 Kor. 3:6-9) Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛyɛɛ ofie Bible adesua 31,199 ɔsram biara wɔ ɔman yi mu afe a etwaam no! So worenya ɔsom adwuma hokwan a ɛyɛ nwonwa yi mu anigye no bi? Ɛmmra sɛ Yehowa Nyankopɔn betie yɛn mpaebɔ na wahyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ ofie Bible adesua mu no so.