Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/08 kr. 8
  • Wubetumi Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo!
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Yɛtete Afoforo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Yehowa Retete Yɛn Ama Saa Adwuma Yi
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Ɔfã 3: Boa Ma Afoforo Nnya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 11/08 kr. 8

Wubetumi Ayɛ Ɔkyerɛkyerɛfo!

1. Hokwan kɛse bɛn na Ahenni ɔdawurubɔfo biara wɔ?

1 Ade a ɛyɛ anigye biako paa wɔ asɛnka adwuma no mu ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obi nokware no. Sɛ ogye Ahenni asɛm no tom na woboa no ma ɔbɛn amansan Hene no a, ɛyɛ biribi a ɛma w’ani gye paa. (Yak. 4:8) Ɛsɛ sɛ Ahenni ɔdawurubɔfo biara de si n’ani so sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ obi a nokware no ho sukɔm de no ma wayɛ nsakrae akɛse wɔ ne nipasu, ne nsusuwii, ne n’abrabɔ mu.—Mat. 28:19, 20.

2. Dɛn nti na ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ Bible adesua, na dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔadi ɔhaw yi so?

2 Fa Wo Ho To Yehowa So: Tete no, na nokware asomfo binom te nka sɛ wɔrentumi nyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ wɔn nsa no. Nanso bere a Mose, Yeremia, Amos, ne nnipa afoforo a aka de wɔn ho too Yehowa Nyankopɔn so no, wotumi dii wɔn haw ahorow no so ma wotumi yɛɛ nnwuma akɛse. (Ex. 4:10-12; Yer. 1:6, 7; Amos 7:14, 15) Ɔsomafo Paulo nso ‘nyaa akokoduru.’ Ɔkwan bɛn so? Ɔkae sɛ ɛnam “yɛn Nyankopɔn mmoa so.” (1 Tes. 2:2) Nokwarem no, yɛn nyinaa betumi de yɛn ho ato Yehowa so de ahwehwɛ mmoa, nyansa, ne ahoɔden a ehia a yɛde bɛyɛ Bible adesua a etu mpɔn.—Yes. 41:10; 1 Kor. 1:26, 27; 1 Pet. 4:11.

3, 4. Ntetee bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛboa yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm?

3 Ma Wɔntete Wo: Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn, nam nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so ma yɛn ntetee daa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afata koraa sɛ akyerɛkyerɛfo. (Yes. 54:13; 2 Tim. 3:16, 17) Fa hokwan biara a wubenya so gye saa ntetee yi tom fa te Kyerɛwnsɛm no ase yiye na hwehwɛ sɛnea wubetumi atu mpɔn wɔ Bible mu nokware a wokyerɛkyerɛ no mu. Ɛwom sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma yɛn saa ntetee yi, nanso asafo nhyiam ahorow nyinaa tete yɛn ma yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm.

4 Bɔ mmɔden sua sɛ wobɛfa akwan a ɛnyɛ den so akyerɛkyerɛ Bible mu nokware a emu dɔ mu. Ɔsom Sukuu nhoma no ka wɔ kratafa 227 sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woma afoforo te w’asɛm no ase a, ɛsɛ sɛ w’ankasa wote ase yiye.” Sɛ yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase a, ɛboa ma nsɛntitiriw no ka yɛn adwenem ma yetumi de di dwuma akyiri yi. Enti siesie wo ho yiye na ɛbɛma ahotoso a wode kyerɛkyerɛ no mu ayɛ den.

5. Ntetee foforo bɛn na wɔde ma yɛn wɔ asafo no mu a ɛboa yɛn ma yenya nkɔso sɛ akyerɛkyerɛfo?

5 Ɛda adi sɛ efi mfiase pɛɛ no, Kristofo asomfo sua biribi fi wɔn mfɛfo nkyɛn bere a wɔne wɔn reyɛ asɛnka adwuma no. (Luka 10:1) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw, te sɛ akwampaefo, asafo mu mpanyimfo, ne ahwɛfo akwantufo ho ne wɔn nkɔyɛ Bible adesua. Hyɛ sɛnea wɔde mfatoho a ɛnyɛ den ne nneɛma afoforo a ɛwɔ yɛn nhoma a yɛde yɛ Bible adesua mu no kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware mu no nsow. Bisa wɔn ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wubetumi ayɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. (Mmeb. 1:5; 27:17) Ma w’ani nsɔ ntetee a ɛte saa a wo nuanom de ma wo no, efisɛ ɛyɛ ntetee a efi Onyankopɔn hɔ.—2 Kor. 3:5.

6. Dɛn ne ade titiriw a ehia na ama obi abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ho ɔkyerɛkyerɛfo?

6 Fa wo ho to Yehowa so na nya ntetee a ɔde ma no so mfaso. Bɔ nkɔso a wopɛ sɛ wunya no ho mpae. (Dw. 25:4, 5) Wubetumi aboa obi ma wabɛyɛ te sɛ wo ma wayɛ Onyankopɔn Asɛm ho ɔkyerɛkyerɛfo, na ama wo nso w’ani agye!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena