Yehowa Retete Yɛn Ama Saa Adwuma Yi
1. Sɛ Yehowa ma nnipa adwuma a, dɛn na ɔsan yɛ ka ho?
1 Sɛ Yehowa ma nnipa adwuma bi a, ɔsan nso boa wɔn ma wotumi yɛ. Sɛ nhwɛso no, bere a Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka, biribi a na Noa nyɛɛ bi da no, Yehowa kyerɛɛ no sɛnea ɔnyɛ no. (Gen. 6:14-16) Bere a Yehowa maa Mose, oguanhwɛfo a ɔbrɛ ne ho ase no adwuma sɛ ɔnkɔ Israel mpanyimfo ne Farao nkyɛn no, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ: “Worekasa a, mɛka wo ho na makyerɛ wo nea ka.” (Ex. 4:12) Saa ara nso na Yehowa nnyaw yɛn nkutoo wɔ asɛmpaka adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no mu. Ɔnam Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no so retete yɛn ama yɛayɛ adwuma yi. Yɛbɛyɛ dɛn anya saa ntetee yi so mfaso?
2. Yɛbɛyɛ dɛn anya Teokrase Ɔsom Sukuu no so mfaso?
2 Teokrase Ɔsom Sukuu: Kenkan na sua nsɛm a wobesusuw ho wɔ adesua biara ase ansa na woakɔ. Sɛ wokɔ na wuhu ɔkwan a wɔn a wɔwɔ dwumadi no de nsɛm no yɛ wɔn dwumadi no a, ɛbɛboa wo ma wo nkyerɛkyerɛ anya nkɔanim. (Mmeb. 27:17) Fa Ɔsom Sukuu nhoma no kɔ adesua no ase na fa yɛ wo nhoma a wobɛkyerɛw mu. Sɛ sukuuni bi wie ne dwumadi na sukuu sohwɛfo no kyerɛ kratafa a ɔyɛɛ ho adwuma no a, bue kɔ hɔ na sensan nsɛntitiriw a wopɛ sɛ wode di dwuma no ase na kyerɛkyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wokae no wɔ ɔkwan a wɔagyaw wɔ ano ano no. Nanso ɔkwampa a wubetumi afa so anya sukuu yi so mfaso ne sɛ wode wo ho behyem. So woakyerɛw wo din wɔ sukuu no mu? Sɛ wɔma wo dwumadi a, siesie wo ho yiye na fa ɛho afotu no di dwuma. Sɛ wokɔ asɛnka a fa nea woasua no yɛ adwuma.
3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Ɔsom Nhyiam no so mfaso?
3 Ɔsom Nhyiam: Sɛ yebetumi akae nyansahyɛ a wɔde ma wɔ saa nhyiam yi ase a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan mu na yedi kan siesie yɛn ho sɛ yɛbɛma mmuae. Sɛ yɛma mmuae ntiantiaa a, ɛbɛma nnipa pii nso ama mmuae. Hwɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔbɛyɛ no yiye, na fa nyansahyɛ biara a wususuw sɛ ɛbɛboa ama w’asɛnka atu mpɔn no yɛ adwuma. Sɛ wɔde nsɛm bi a ebetumi aboa wo wɔ ɔsom adwuma no mu ba Yɛn Ahenni Som mu a, fa bi sie.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde ntetee a wɔde ma yɛn wɔ Onyankopɔn som mu no di dwuma yiye?
4 Te sɛ adwuma a wɔde maa Noa ne Mose no, yɛn adwuma a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa no nna fam. (Mat. 24:14) Sɛ yebetumi ayɛ adwuma yi yiye a, gye sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no so, na yɛde ntetee a ɔde ma yɛn no di dwuma yiye.—Yes. 30:20.