So Ɛsɛ sɛ Wopɔn?
Adawurubɔfo bi de ayɛ wɔn su sɛ, sɛ wɔreyɛ asɛnka adwuma no a wɔbɛpɔn wɔ bere pɔtẽẽ bi mu ebia awiabere. Nokwarem no, ebinom wɔ hɔ a ebia wɔn tebea bɛhwehwɛ sɛ wɔpɔn asɛnka wɔ bere pɔtẽẽ bi mu. Nanso, so esiane sɛ afoforo a wo ne wɔn nam no pɔn ara nti na wo nso wopɔn, anaasɛ abɛyɛ mo mpɔtam hɔfo su sɛ wɔpɔn wɔ bere pɔtẽẽ bi mu? So wubetumi akyɛ wɔ asɛnka mu kakra, na wɔayɛ baguam adansedi te sɛ ebia mmorɔn so adansedi? So wubetumi ayɛ sankɔhwɛ biako anaa abien bi bere a wonam kwan so rekɔ fie no? Susuw mfaso a ebefi mu aba bere a woanya onigyeni bi wɔ fie ne no abɔ nkɔmmɔ anaasɛ woama obi a ɔretwam nsɛmma nhoma no ho hwɛ! Sɛ yɛkyɛ wɔ asɛnka mu kakra a, ɛno nso yɛ ɔkwan biako a yɛnam so bɔ yɛn “ayeyi afɔre” no kɛse.—Heb. 13:15.