Nsɛm a Yebetumi Aka
Ahenni Asɛm a Ɛto so 38
“Yɛreyɛ ɔsatu bi wɔ wiase nyinaa de akyekyɛ asɛm a ɛho hia yi. Wo de ni.”
Monhyɛ no nsow: Nea ɛbɛyɛ na moatumi ayɛ mo asasesin nyinaa mu adwuma awie no, ma w’asɛm nyɛ tiawa. Nanso baabi wɔ hɔ a ebia ofiewura no bɛkyerɛ asɛm no ho anigye paa, na ebia n’ani begye ho sɛ motoa nkɔmmɔ no so. Sɛ ɛba saa a, wubetumi abisa n’adwenkyerɛ wɔ asɛmmisa a ɛwɔ kratawa no anim no ho, akenkan mmuae a Bible de ma a ɛwɔ kratawa no mu akyerɛ no, na afei moasusuw kratawa no mu asɛm bi ho sɛnea bere bɛma kwan. Ansa na wubefi hɔ no, fa asɛmmisa a ɛwɔ “Hwɛ Asɛmmisa Yi” ase wɔ kratawa no akyi no kyerɛ no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw ho.
Bible Adesua a Yebefi Ase wɔ Memeneda a Edi Kan wɔ November Mu
“Mikyia wo. Nnipa a yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ no mu pii wɔ anidaso sɛ sɛ wowu a wɔbɛkɔ soro. Wo nso ɛ?” [Twɛn ma ommua.] Fa asɛm a ɛwɔ November 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase ne anyɛ yiye koraa no emu kyerɛw nsɛm no mu biako ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban November 1
“Wohwɛ a, atosɛm bɛn paa na nkurɔfo aka afa Onyankopɔn ho? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛdɔ no na yɛde yɛn werɛ hyɛ ne mu. [Kenkan Yesaia 41:13.] Nsɛmma nhoma yi ka atosɛm abiɛsa a wɔtaa ka fa Onyankopɔn ho ma enti ayɛ den ama nnipa binom sɛ wɔbɛbɛn no no ho asɛm.”
Nyan! November
“Yɛn asɛm yɛ tiawa. Ɛne sɛ, ɛrekame ayɛ sɛ nnipa pii ani nnye sɛnea abrabɔ gyinapɛn resɛe no ho. Wususuw sɛ yɛagyaagyaa yɛn ho nti na ama abrabɔ gyinapɛn resɛe saa no anaa? [Twɛn ma ommua.] Bible ka too hɔ sɛ nnipa suban ne wɔn nneyɛe bɛsesa. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.] Nsɛmma nhoma yi ka nea enti a yebetumi anya abrabɔ gyinapɛn ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no mu ahotoso.”