Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 14
DAPƐN A EFI ASE JULY 14
Dwom 1 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 10 ¶1-7 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Leviticus 21-24 (Simma 10)
No. 1: Leviticus 23:1-14 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Awufo Betumi ne Yɛn Akasa?—fg adesua 6 asɛmmisa 3 (Simma 5)
No. 3: Ɔkwan Bɛn so na Bible Kyerɛ sɛ Yehowa Wɔ Tumi Kɛse Sen Satan?—ol adesua 5 ¶14-15 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
10 min: Siesie Wo Ho Ma Ɔsatu Titiriw a Yɛbɛyɛ wɔ August Mu No. Sɛ obi nkura Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no Ho Mmuae? kratawa a wɔsan frɛ no Wɛbsaet kratawa no bi a, momma no baako. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka de kratawa no ama a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu. Ɔyɛkyerɛ a edi kan no, ma wɔnkyerɛ sɛnea yɛbɛkyekyɛ kratawa no. Afei ma wɔnyɛ ɔkwan a yebetumi afa so de ama obi a ɔbɛkyerɛ ho anigye na ɔpɛ sɛ yɛne no bɔ nkɔmmɔ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyere wɔn ho nkyekyɛ kratawa no.
5 min: Fa Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa Nhoma no Yɛ Adwuma Yiye. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka bere a wɔde yɛ daa asɛm ne sɛnea Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no aboa wɔn.
15 min: “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ baako.
Dwom 107 ne Mpaebɔ