Nsɛm a Yebetumi Aka
Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no Ho Mmuae?
Sɛ wukyia ofiewura no a, fa kratawa no kyerɛ no ma ɔnhwɛ asɛmti no na ka sɛ: “Asɛm bi a ɛho hia paa wɔ saa kratawa yi mu, na yɛrekyekyɛ ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa. Wo de ni.”
Sɛ woanto obi wɔ fie na wopɛ sɛ wode kratawa no bi gyaw no a, fa hyɛ baabi a ɛrentwetwe obiara adwene; mmobɔ no basaa.
Sɛ ofiewura no ani gye ho, na ɔpɛ sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ a, wubetumi de nsɛmmisa a ɛwɔ kratawa no anim akyerɛ no ma wakyerɛ n’adwene wɔ ho. Bue kratawa no mu na kenkan asɛm a ɛwɔ Dwom 119:144, 160 no kyerɛ no. Ka kyerɛ no sɛ kratawa no ka Wɛbsaet bi ho asɛm, na ɛbɛboa no ma wanya Bible mu nsɛmmisa a ɛkyere adwene ho mmuae. Wubetumi ama wahwɛ video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? no. Ansa na wubefi hɔ no, fa nsɛmmisa mmiɛnsa a ɛwɔ kratawa no akyi kyerɛ no, na bisa no ma ɔnkyerɛ emu nea ehia no paa. Afei ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛ no sɛnea obenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ jw.org so. Wosan kɔ a, monhwɛ jw.org hɔ; klik BIBLE TEACHINGS > BIBLE QUESTIONS ANSWERED afã hɔ, na hwehwɛ asɛmti a ɛfa n’asɛmmisa no ho.
Sɛ morekyekyɛ ɔmantam nhyiam nsato krataa a, ɛnde wode kratawa no ma obi a, fa nsato krataa no ka ho, na ka sɛ, “Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bra nhyiam bi a yɛrebɛyɛ ase. Wo ba a, yɛrennye wo sika.”
Ɔwɛn-Aban August 1
Sɛ wode Ɔwɛn-Aban rema Memeneda ne Kwasida a, wubetumi aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛma wo yɛn nhoma a aba foforo yi bi. Ɔwɛn-Aban yi bɛma woanya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛse, Enti wo ho hia Onyankopɔn?”
Nyan! August
Sɛ wode Nyan! rema Memeneda ne Kwasida a, wubetumi aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛma wo yɛn nhoma a aba foforo yi bi. Saa Nyan! yi bɛma woanya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɛse, Ɛbɛyɛ dɛn na asomdwoe aba nnipa ntam?”