Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfiri Aseɛ November 24
NNAWƆTWE A ƐFIRI ASEƐ NOVEMBER 24
Dwom 50 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 16 ¶10-17 (Simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Deuteronomium 28-31 (Simma 10)
No. 1: Deuteronomium 30:15–31:8 (Simma 4 anaa nea ɛnnuru saa)
No. 2: Dɛn na Yesu Ka Faa Atoro Kristofo Ho?—fg adesua 10 asɛmmisa 2 (Simma 5)
No. 3: Nokware Som So Betumi Aba Wo Mfaso Daa!—ol adesua 9 ¶1-4 (Simma 5)
Ɔsom Nhyiamu:
10 min: “Fa Yɛn Wɛbsaet no Yɛ Adwuma Asɛnka Mu—‘Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae.’” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Nsɛmmisa bi wɔ Wɛbsaet no fã a wɔato din “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae,” bobɔ bi so kyerɛ atiefoɔ. (Kɔ jw.org, na hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE aseɛ hɔ.) Asɛm a moresusu ho no, ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ mu no baako nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Ma atiefoɔ nkyerɛ akwan foforɔ a yɛbɛtumi afa so de saa ɔfã no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu.
10 min: “Mento no Fie Bio!” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Monsusu ho nhunu nea enti a sɛ yɛntaa nto obi fie a, ɛsɛ sɛ yɛnya ne ho aboterɛ na yɛyere yɛn ho hwehwɛ no.—Mat. 28:19, 20; Mar. 4:14, 15; 1 Kor. 3:6.
10 min: “Adwinnadeɛ Foforɔ a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu.” Ɔkasa. Wohwɛ Nhwehwɛmu Nhoma no mu a, wobɛhunu asɛmti ketewa a wɔato din “Sɛnea Wobɛyɛ Nhwehwɛmu;” ɛde sɛnea yɛde nwoma yi bɛyɛ adwuma no ho akwankyerɛ ama, na ɛka nnianimu nsɛm no ho. Ka akwankyerɛ yi ho asɛm kyerɛ atiefoɔ. Afei ka Nhwehwɛmu Nhoma foforɔ yi afã ahodoɔ ho asɛm. Ma ɔdawurubɔfoɔ bi nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ ɔkwan a yɛde Nhwehwɛmu Nhoma no yɛ adwuma; ɔno nko ara na ɔbɛkasa akyerɛ ne ho.
Dwom 69 ne Mpaebɔ