Ɔsom Adwuma Nkɔso
Onua bi a ɔfi asafo ti bɛsraa Ghana Betel, na February 15, 2015 no, ɔmaa ɔkasa a wɔato din “Boasetɔ a Ɛma Yɛnya Onyankopɔn Anim Dom.” Wɔn a wɔtiee ɔkasa no dodow si 45,885.
Nnipa 9,338 na wɔhyiaa wɔ Accra Nhyiam Asa so. Bio nso wɔde dwumadi no faa video so kɔɔ mmeae ahorow. Nnipa 28,220 hyiaa wɔ Nhyiam Asa nson so tiee ɔkasa no, na 8,327 nso hyiaa wɔ Ahenni Asa 31 so. Wei ne bere a ɛdi kan koraa a yɛde dwumadi sei afa video so akɔ Ahenni Asa ahorow so wɔ Ghana, na ɛmaa anuanom bebree nyaa hokwan tiee dwumadi titiriw no. Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no de abɛɛfo mfidie redi dwuma ma ɛyɛ nwonwa. Anokwa, Yehowa reka ne nkurɔfo nyinaa “abom te sɛ nnwankuo a wɔwɔ nnwammuo mu.”—Mika 2:12.